Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 15:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Da no ara na AWURADE ne Abram yɛɛ apam sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi mama wɔn ɛfiri Misraim asubɔnten ho de kɔsi asubɔnten kɛseɛ, Eufrate asubɔnten ho:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Da no ara na AWURADE ne Abram yɛɛ apam sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi mama wɔn ɛfiri Misraim asubɔnten ho de kɔsi asubɔnten kɛseɛ, Eufrate asubɔnten ho:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Saa da no ara, Awurade ne Abram yɛɛ apam, kae se, “Mede saa asase a efi Misraim asubɔnten no ho, de kosi asubɔnten kɛse Eufrate ho bɛma wo ne wʼasefo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Saa ɛda no ara, Awurade ne Abram yɛɛ apam, kaa sɛ, “Mede saa asase a ɛfiri Misraim asubɔnten no ho, de kɔsi asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho bɛma wo ne wʼasefoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Da no ara na AWURADE ne Abram pamee sɛ: W'asefo na mede asase yi mama wɔn, efi Misraim asubɔnten ho de kosi asubɔnten kɛse, Eufrate asubɔnten, no so:

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 15:18
58 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kaa sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn. Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE a ɔyii ne ho kyerɛɛ no no.


Na asase a wohunu yi nyinaa, wo ne w’asefoɔ na mede bɛma mo daa.


Na asuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no ne Tigri, ɛno na ɛsene wɔ Asiria apueeɛ. Na asuo a ɛtɔ so nnan ne Eufrate.


AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me firii m’agya fie ne asase a wɔwoo me wɔ soɔ no so, na ɔne me kasaeɛ, na ɔkaa ntam kyerɛɛ me sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn no, ɔbɛsoma ne bɔfoɔ adi w’anim, na woakɔware yerɛ afiri hɔ abrɛ me ba.


Na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ, na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa,


na ɔmfa Abraham nhyira nhyira wo, wo ne w’asefoɔ a wɔka wo ho, na woanya asase a woyɛ so hɔhoɔ a Onyankopɔn de ama Abraham yi.


Na asase a mede mama Abraham ne Isak no, wo na mede bɛma woɔ; na w’asefoɔ a wɔbɛdi w’akyire no na mede asase no bɛma wɔn.


Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebɛti nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabɛyi mo afiri asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.


Aane, ɛnyɛ saa na me fie teɛ wɔ Nyankopɔn nkyɛn? Na ɔne me apam daa apam, wasiesie nnoɔma nyinaa mu na wɔhwɛ so. Na me mmoa nyinaa ne deɛ mepɛ nyinaa, ɔremma no mfefɛ anaa?


Dawid kaa Sobahene Rehob ba Hadadeser nso gui, ɛberɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrema ne tumi akɔso Asubɔntene Eufrate ho no mu.


Na Salomo dii aman yi so firi Asubɔntene Eufrate ano kɔsi Filistifoɔ asase so ne Misraim hyeɛ so. Wɔde apeatoɔ ba na wɔsomm Salomo ne nkwa nna nyinaa.


Na Tirohene Hiram somaa ne nkoa maa wɔbaa Salomo nkyɛn, ɛberɛ a ɔtee sɛ wɔasra no ngo asi no hene n’agya ananmu; ɛfiri sɛ Hiram dɔɔ Dawid daa.


sɛdeɛ ɔne Abraham pameeɛ no ne ne ntam a ɔkaa Isak no.


Na apueeɛ fam nso ɔtena de kɔsii anwea pradada so a ɛfiri Eufrate asubɔnten ano; na wɔn mmoakuo dɔɔso Gilead asase so.


Ɛberɛ no mu no, Salomo dii nnapɔnna no nnanson, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ pa ara a wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat kɔsi Misraim subonhwa ano.


Nso nkurɔfoɔ a wɔkaeɛ no a wɔfiri Hetifoɔ ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ mu a wɔmfiri Israelfoɔ no mu no nyinaa,


Na ɔdii ahennie nyinaa so de firi Asuo Eufrate ano de kɔsii Filistifoɔ asase so ne Misraim hyeɛ so.


Nanso ahemfo akɛseɛ tenaa Yerusalem, na wɔdii asuogya hɔ nyinaa so, na wɔyii toɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ maa wɔn nso.


Na wohunuu n’akoma sɛ ɛyɛ nokorɛ wɔ w’anim, na wo ne no pamm sɛ wɔde Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma n’asefoɔ. Na woama wo nsɛm no atim, ɛfiri sɛ woyɛ ɔteneneeni.


sɛ: Wo na mede Kanaan asase bɛma wo sɛ mo apɛgyadeɛ a wɔkyɛ no homa soɔ.


Na sɛ AWURADE de wo duru Kanaanfoɔ asase so, sɛ deɛ ɔkaa wo ne wo nananom ntam, na ɔde ma wo a,


Na Onyankopɔn tee wɔn apinisie no, ɔkaee n’apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pameeɛ no.


Na me bɔfoɔ no bɛdi w’anim de wo akɔduru Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu, na matu wɔn agu.


Na masiane sɛ merebɛyi wɔn Misraimfoɔ nsam, na matu wɔn afiri asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ tenabea hɔ.


Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ara wo ntam see wɔn sɛ: Mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede bɛma w’asefoɔ na wɔadi so akɔsi daa no.


Di deɛ mehyɛ wo nnɛ yi so. Hwɛ, meretu Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri w’anim.


Na mɛtu amanaman no afiri w’anim, na matrɛ w’ahyeɛ mu; na woreforo akɔpue AWURADE wo Nyankopɔn anim afirinhyia mu mprɛnsa no a, obiara ani remmere w’asase.


Nanso mama m’apam a me ne wɔn pameeɛ no agyina, sɛ mede Kanaan asase a ɛyɛ wɔn ahɔhobea asase a wɔyɛɛ so ahɔhoɔ no bɛma wɔn.


Na mede mo bɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma Abraham, Isak, Yakob no so, na mede bɛma mo sɛ agyapadeɛ. Mene AWURADE.


Ɛda no ɛbɛba sɛ AWURADE bɛpore n’aba afiri Asuo Eufrate no hweamo ano akɔsi Misraim subɔn no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmaako mmaako.


Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, montie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam, Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no.


na womaa wɔn asase yi a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wode bɛma wɔn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.


Na me ne wɔn bɛpam daa apam, na merensane mfiri wɔn akyiri sɛ merenyɛ wɔn yie bio, na mede me suro bɛhyɛ wɔn akoma mu, na wɔamfiri me nkyɛn.


ɛnneɛ mɛkae mene Yakob apam no; ɛne mene Isak apam no nso; na mene Abraham apam no nso mɛkae, na mɛkae asase no.


Na wɔn nti mɛkae apam a mene wɔn agyanom a meyii wɔn firii Misraim asase so wiase amanaman nyinaa anim pamm sɛ mɛyɛ wɔn Nyankopɔn no ama wɔn: Mene AWURADE.


Na ɛhyeɛ no nkonton mfiri Asmon nkɔ Misraim subonhwa no mu, na ano nkɔpem po no ano.


Na wamma no agyapadeɛ wɔ mu, wamma no anammɔn baako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefoɔ a wɔdi n’akyire sɛ wɔmfa nyɛ wɔn deɛ, nanso na ɔnnya nnyaa ɔba.


Baabiara a mo nan bɛtia no bɛyɛ mo deɛ, ɛfiri ɛserɛ so ne Lebanon, ɛfiri Asubɔntene Eufrate ho, kɔsi akyiri po no ano bɛyɛ mo asase.


Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn trɛ wo hyeɛ mu sɛdeɛ waka akyerɛ woɔ no, na wose mɛdi nam, ɛfiri sɛ wo kra kɔn dɔ sɛ ɔbɛdi nam a, di nam sɛdeɛ wo kra kɔn dɔ.


Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn trɛ wo hyeɛ mu, sɛdeɛ ɔkaa wo nananom ntam no, na ɔde asase a ɔkaa sɛ ɔde bɛma wo nananom no nyinaa ma wo,


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Yei ne asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefoɔ na mede bɛma wɔn no. Mama wode w’ani ahunu, na ɛkorɔ deɛ, worenkɔ hɔ.


Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo duru asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpamo amanaman pii firi w’anim, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene woɔ,


Na asomdwoeɛ Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya soɔ, ayi nnwan no hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛn Awurade Yesu afiri awufoɔ mu no,


(Ɛde firi Sihor a ɛwɔ Misraim apueeɛ fam no ano de kɔsi Ekron hyeɛ so atifi fam no, wɔbu ma Kanaanfoɔ. Filistifoɔ ahemfo baanum no: Gasa deɛ ne Asdod deɛ, Askelon deɛ, Gat deɛ ne Ekron deɛ) ne Awifoɔ wɔ anafoɔ fam;


Na ɛtwam kɔ Asmon, na ɛkɔpue Misraim subonhwa no ano, na ɛkɔpem mpoano. Yei nyɛ mo anafoɔ fam hyeɛ.


a ɛka kyerɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔwɔ totorobɛnto no sɛ: Sanesane abɔfoɔ baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios