Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 15:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na wo deɛ, wobɛkɔ wo nananom nkyɛn asomdwoeɛ mu, na wɔasie wo nkɔkoraaberɛ pa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na wo deɛ, wobɛkɔ wo nananom nkyɛn asomdwoeɛ mu, na wɔasie wo nkɔkoraaberɛ pa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Wo de, wubewu asomdwoe mu. Wubenyin akyɛ yiye ansa na woawu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Wo deɛ, wobɛwu asomdwoeɛ mu. Wobɛnyini akyɛre yie ansa na woawu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na wo de, wobɛkɔ w'agyanom nkyɛn asomdwoe mu, na wɔasie wo nkwakorabere pa mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 15:15
29 Referencias Cruzadas  

Na ɛno akyiri no, Abraham siee ne yere Sara wɔ Makpela afuo mu ɔbodan mu, wɔ Mamre ntentensoɔ, (a ɛne Hebron) a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no.


Meyɛ mo nkyɛn hɔhoɔ ne mamfrani, momma me amusiebea wɔ mo nkyɛn, na mensie m’amu yi ma no mfiri m’ani so.


Na Isak gyaa ne honhom mu, na ɔwui, na ɔtii ne nananom wɔ asamando, berɛ a na wabɔ akora, na nna amee no. Na ne mma Esau ne Yakob siee no.


Ɛda a mɛtoa nananom no, soa me firi Misraim kɔsie me wɔ me nananom amusieeɛ. Na ɔbuaa sɛ: Mɛyɛ sɛdeɛ woaka yi.


Na ɔhyɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka kumaa bi na maka m’ani agu so. Monkɔsie me me nananom nkyɛn, wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hetini Efron afuo mu no mu,


Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara, ɛhɔ na wɔsiee Isak ne ne yere Rebeka, na ɛhɔ na mesiee Lea.


Na ne mma soaa no kɔɔ Kanaan asase so kɔsiee no wɔ Makpela afuo so ɔbodan a ɛwɔ Mamre ntentensoɔ a Abraham tɔɔ ɛne afuo no wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asieeɛ no mu.


Na Dawid bɔɔ akora pa ara no, ɔde ne ba Salomo sii Israel so hene.


Na ɔwuu onyini pa mu a nna ne adedodoɔ ne animuonyam amee no. Na ne ba Salomo bɛdii n’adeɛ.


Hwɛ, wobɛto wo kɔn awu, na wɔasie wo wɔ da mu asomdwoeɛ mu, na adebɔne a mede mereba ha yi ne ɛhafoɔ soɔ no nyinaa deɛ w’ani renhunu. Na wɔde bɛbuaa ɔhene no.


Ɔma ɔkwan hyerɛn di n’akyi, ma wɔbu ebunu a ɛhuro no sɛ ɛdwono.


Na Hiob wui, na wabɔ akora pa ara.


wode onyinkyerɛ na ɛbɛkɔ damena mu, sɛ wɔde ayuo afiafi ba mu ne berɛ mu no.


Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ deɛ ɔtene; sɛ saa onipa no awieeɛ yɛ asomdwoeɛ.


ɔbɛkɔ n’agyanom abusua mu, wɔrenhunu hann ara da.


na dɔteɛ asane akɔ asase mu sɛdeɛ ɛteɛ kane no, na honhom asane akɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.


Sɛ obi wo mma ɔha na ɔdi mfeɛ pii, na ne mfeɛ mu nna dɔɔso bebree, na papa ammee ne kra na wɔansie no yie a, mese, mpo ɔpɔn ba yɛ sene no.


Na wo Daniel deɛ kɔ kɔduru awieeɛ, na woakɔhome na wɔasɔre akɔnya wo kyɛfa, nna a ɛdi akyire no mu.


Aka kakraa bi na Aaron ati ne mpanimfoɔ wɔ asamando, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ moyɛɛ asoɔden maa m’anomu asɛm Meriba asuo ho.


na sɛ wonya hunu a, wo nso woati wo nananom, sɛdeɛ Aaron tii n’agyanom no,


sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn? Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Nyankopɔn na mmom ateasefoɔ Nyankopɔn.


Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, worebɛti wo nananom wɔ asamando na ɔman yi bɛsɔre akɔdi asase a wɔrekɔ soɔ no anyame akyi adwamammɔ mu, na wɔagya me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pameeɛ no.


Na wɔsiee awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa nso kaa wɔn agyanom ho, na awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ dii wɔn akyi sɔree, nnipa a wɔnnim AWURADE nneyɛɛ a ɔyɛ maa Israel no nso.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios