Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 11:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɛfiri hɔnom na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani, na wɔgyaee kuro no kyekyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na ɛfiri hɔnom na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani, na wɔgyaee kuro no kyekyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛnam eyi so maa Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa, maa wogyaee kurow kɛse no kyekyere.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛnam yei so maa Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa, ma wɔgyaee kuro kɛseɛ no kyekyere.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na efi hɔnom na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani, na wogyaee kurow no kyekye.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 11:8
10 Referencias Cruzadas  

Na Eber woo mma baanu. Deɛ ɔdi kan no din de Peleg, ɛfiri sɛ ne nna mu na wɔkyekyɛɛ asase mu; na ne nua din de Yoktan.


Yeinom ne Noa mma mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ wɔ wɔn amanaman mu. Na ɛfiri yeinom mu na nsuyire no akyi amanaman petee asase soɔ.


Yeinom mu na nsuano amanaman no firi kɔpetee wɔn nsase soɔ, sɛdeɛ wɔn mu biara kasa ne wɔn mmusua teɛ, wɔn amanaman mu.


Ɛnna wɔkaa sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekyere kuro, na yɛnto abantenten a n’atifi bɛduru soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.


Enti na wɔfrɛ hɔ Babel, ɛfiri sɛ ɛhɔ na AWURADE yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa. Ɛfiri hɔ na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani.


Wɔadome wɔn abufuo, sɛ ɛso, ne wɔn anibereɛ, sɛ emu yɛ den. Mɛkyekyɛ wɔn mu wɔ Yakob mu, na mabɔ wɔn ahwete Israel mu.


AWURADE ma amanaman agyina dane hunu, ɔma aman adwene yɛ ɔkwa.


Na hwɛ, w’atamfo no, Ao AWURADE, w’atamfo no deɛ, wɔbɛsɛe, na wɔbɛhwete amumuyɛfoɔ nyinaa mu.


Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenneɛ; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn akoma nsusuiɛ mu.


Ɔsorosoroni no kyekyɛɛ asase maa amanaman, ɔpaepaee Adam mma mu no, ɔde aman no ahyeɛ totoo hɔ sɛ Israelfoɔ ano sie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios