Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 4:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Ɛnna yeinom a wɔatwerɛ wɔn din no kɔeɛ, Yudahene Hesekia berɛ so, kɔtoaa Maonfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no ne wɔn ntomadan, na wɔsɛee wɔn pasapasa de bɛsi nnɛ, na wɔtenatenaa wɔn ananmu, ɛfiri sɛ na adidibea wɔ hɔ ma wɔn nnwan.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

41 Ɛnna yeinom a wɔatwerɛ wɔn din no kɔeɛ, Yudahene Hesekia berɛ so, kɔtoaa Maonfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no ne wɔn ntomadan, na wɔsɛee wɔn pasapasa de bɛsi nnɛ, na wɔtenatenaa wɔn ananmu, ɛfiri sɛ na adidibea wɔ hɔ ma wɔn nnwan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Yudahene Hesekia bere so no, Simeon ntuanofo no ko dii hɔ so, sɛee Ham ne Meunifo afi pasaa. Wokum obiara a na ɔte hɔ, faa asase no, efisɛ, na wɔpɛ sɛ wonya mmoa didibea pa no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Yudahene Hesekia ɛberɛ so no, Simeon ntuanofoɔ no ko dii hɔ so, sɛee Ham ne Maonfoɔ afie pasaa. Wɔkumm obiara a na ɔte hɔ, faa asase no, ɛfiri sɛ, na wɔpɛ sɛ wɔnya mmoa didibea pa no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

41 Ɛnna eyinom a wɔakyerɛw wɔn din no kɔe, Yuda hene Hesekia bere so, kɔtoaa Maonfo a wohuu wɔn wɔ hɔ no ne wɔn ntamadan, na wokunkum wɔn pasaa de besii nnɛ, na wɔtenatenaa wɔn afa hɔ, efisɛ adidibea wɔ hɔ ma wɔn nguan.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 4:41
13 Referencias Cruzadas  

ne ba Ahas, ne ba Hesekia, ne ba Manase,


ne wɔn nkuraa a ɛwowɔ nkuro yi nyinaa ho de kɔsii Baal. Yei ne wɔn tenabea ahodoɔ ne wɔn mmusua nkaneeɛ.


Na apirafoɔ pii totɔe, na Nyankopɔn nkyɛn na ɛdɔm no firi baeɛ. Na wɔtenatenaa wɔn ananmu de kɔsii otukorɔ no mu.


Na wɔsɛee mmoakuo ntomadan nso, na wɔfaa nnwan pii ne yoma kɔe, na wɔsane baa Yerusalem.


Na ɛbaa sɛ ɛno akyiri no, Moabfoɔ, Amonfoɔ ne Maonfoɔ no mu binom a wɔka wɔn ho no baa Yehosafat so sɛ wɔne no rebɛko.


Na Onyankopɔn boaa no tiaa Filistifoɔ ne Arabfoɔ a na wɔtete Gur-baal, ne Meunifoɔ no.


Enti montie AWURADE agyina a watu no Edom ho, ne ne tirimbɔ a wabɔ no Temanfoɔ ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nnwan mu nkumaa akɔ, ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiri.


na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa firi onipa baako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmerɛ ahodoɔ ne wɔn tenabea hyeɛ ato hɔ ama wɔn


Sidonfoɔ, Amalekfoɔ ne Maonfoɔ anhyɛ mo so! Na mosu frɛɛ me no, megyee mo firii wɔn nsam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios