Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 3:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na Yekonia mma ne: Asir, ne ba Sealtiel,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Na Yekonia mma ne: Asir, ne ba Sealtiel,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Yehoiakyin a Babiloniafo kyeree no kɔtoo afiase no mmabarima ne Sealtiel,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Yehoiakyin a Babiloniafoɔ kyeree no kɔtoo afiase no mmammarima ne Sealtiel,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Na Yekonia mma ne: Asir, ne ba Sealtiel,

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 3:17
7 Referencias Cruzadas  

Na Yosadak ba Yesua ne ne nuanom asɔfoɔ no, ne Sealtiel ba Serubabel ne ne nuanom sɔree, na wɔkɔsii Israel Nyankopɔn afɔrebukyia sɛ wɔrebɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no.


Na wɔtwaa wɔn asu kɔtenaa Babel no akyiri no, Yekonia woo Sealtiel, na Sealtiel woo Serubabel,


Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua sɔreeɛ, na wɔfirii aseɛ sii Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no, na Nyankopɔn adiyifoɔ no ka wɔn ho na wɔsɔɔ mu.


Na wɔbaa AWURADE fie ho wɔ Yerusalem afe a ɛtɔ so mmienu mu bosome a ɛtɔ so mmienu soɔ no, Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua ne wɔn nuanom nkaeɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn a wɔfiri nnommumfa no mu baa Yerusalem no nyinaa firii aseɛ, na wɔde Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ no sisii hɔ sɛ wɔnhwɛ AWURADE fie adwuma no so.


Na Yehoiakim mma ne: Ne ba Yekonia, ne ba Sedekia.


ne Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama, ne Nedabia.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Montwerɛ wɔ ɔbarima yi ho sɛ ɔyɛ deɛ ɔnni ba, ɔbarima a ɔrenni yie ne nna mu, na n’asefoɔ mu obiara a ɔbɛtena Dawid ahennwa soɔ na wadi Yuda so bio no, renni yie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios