Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 3:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 ne ba Amon, ne ba Yosia.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 ne ba Amon, ne ba Yosia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Amon ne Yosia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Amon ne Yosia.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 ne ba Amon, ne ba Yosia.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 3:14
17 Referencias Cruzadas  

Na Manase tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no ne fie turo a ɛne Usa turo no mu; na ne ba Amon bɛdii n’adeɛ.


Amon bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu, na ɔdii hene mfeɛ mmienu Yerusalem. Na ne na din de Mesulemet a ɔyɛ Harus a ɔfiri Yotba ba.


Na wɔsiee no ne da mu, Usa turom, na ne ba Yosia bɛdii n’adeɛ.


Na ne nkoa twee ne funu no teaseɛnam mu firi Megido de no baa Yerusalem, na wɔsiee no ne da mu. Na asase no sofoɔ no faa Yosia ba Yehoahas sraa no sii no hene n’agya ananmu.


Na Farao Neko de Yosia ba Eliakim sii hene n’agya Yosia ananmu, na ɔsakyeraa ne din too no Yehoiakim. Na Yehoahas deɛ, ɔfaa no kɔɔ Misraim, na ɔkɔwuu wɔ hɔ.


ne ba Ahas, ne ba Hesekia, ne ba Manase,


Na Yosia mma ne: N’abakan Yohanan, Yehoiakim a ɔtɔ so mmienu, Sedekia tɔ so mmiɛnsa, Salum tɔ so nnan.


Yosia dii mfeɛ nwɔtwe na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia aduasa baako wɔ Yerusalem.


Na asase no sofoɔ no faa Yosia ba Yehoahas sii no hene n’agya ananmu Yerusalem.


Sedekia dii mfeɛ aduonu baako na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dubaako Yerusalem.


Yehoiakim dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne.


Na sɛ AWURADE ka no Salum a ɔyɛ Yudahene Yosia ba a ɔsii n’agya Yosia anan mu dii hene, a ɔfiri ha kɔeɛ no ho nie: Ɔrensane mma ha bio,


Ɛno nti sɛ AWURADE ka no Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba no ho nie: Wɔrennyam no nka sɛ: Due, me nuabarima, anaa: Due, onuabaa! Wɔrennyam no nka sɛ: Due, owura! anaa: Due, n’animuonyam!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios