Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 28:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na afei, Israel a wɔyɛ AWURADE badwa no nyinaa anim ne yɛn Nyankopɔn aso mu, mese: Monhwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa nni so, nhwehwɛ akyiri kwan, na moadi asase pa yi so, na moagya no awunnyadeɛ ama mo mma, mo akyi akɔsi daa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na afei, Israel a wɔyɛ AWURADE badwa no nyinaa anim ne yɛn Nyankopɔn aso mu, mese: Monhwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa nni so, nhwehwɛ akyire kwan, na moadi asase pa yi so, na moagya no awunnyadeɛ ama mo mma, mo akyi akɔsi daa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Enti mprempren a Onyankopɔn yɛ yɛn dansifo yi, menam wo so de saa asodi yi ma Israel nyinaa a wɔyɛ Awurade manfo no: Monhwɛ yiye na munni Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛde nyinaa so sɛnea mobɛfa saa asase pa yi, na moagyaw ama mo asefo sɛ wɔn agyapade daa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Enti, seesei a Onyankopɔn yɛ yɛn danseni yi, menam wo so de saa asodie yi ma Israel nyinaa a wɔyɛ Awurade manfoɔ no: Monhwɛ yie na monni Awurade, mo Onyankopɔn, ahyɛdeɛ nyinaa so sɛdeɛ mobɛfa saa asase pa yi, na moagya ama mo asefoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ daa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na afei, Israel a wɔyɛ AWURADE bagua no nyinaa anim ne yɛn Nyankopɔn asom, mise: Monhwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa nni so nhwehwɛ akyi kwan, na moadi asase pa yi so, na moagyaw no awunnyade ama mo mma, mo akyi akosi daa.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 28:8
28 Referencias Cruzadas  

Na afei, Israel, tie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mekyerɛ mo sɛ monyɛ no, na moanya nkwa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo nananom Nyankopɔn de rema mo no.


Monhwehwɛ AWURADE nwoma no mu nkenkan: Yeinom mu baako mpo renyera, ebi tiafoɔ remmɔ no, na AWURADE ano na ahyɛ, na ne honhom na aboa ano.


Onipa pa gya n’adeɛ ma mma mma, na ɔdebɔneyɛni ahonyadeɛ deɛ, wɔtia ma ɔteneneeni.


Na afei mommfa mo mmammaa mmma wɔn mmammarima, na monnnye wɔn mmammaa mmma mo mmammarima, na monnhwehwɛ wɔn ɔmannwoeɛ ne wɔn yiedie ara da, deɛ ɛbɛyɛ na mo ho bɛyɛ den na moadi asase no so nnepa, na mode agya mo mma ma wɔadi so akɔsi daa.


Enti monhwɛ na monyɛ sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; mommmane nifa anaa benkum;


Yudafoɔ a ɛwɔ ha no yɛ animdefoɔ sene wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, ɛfiri sɛ wɔyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa na wɔhwehwɛ twerɛsɛm no mu sɛ nnoɔma no te saa anaa.


Enti ntɛm ara mesoma baa wo nkyɛn; na wo nso, woayɛ no yie sɛ woaba. Na afei yɛn nyinaa ahyia Nyankopɔn anim sɛ yɛrebɛtie deɛ Onyankopɔn ahyɛ woɔ nyinaa.


Me ba, mma wo werɛ mmfiri me mmara, na ma w’akoma nni me mmara nsɛm so;


Na mɛdi wo mmara so ara daa akɔsi daa ne daapem,


Wo na wode wo nsiesieeɛ ahyɛ yɛn sɛ yɛnni so koraa.


na mmom me ne wɔn a wɔne yɛn gyina AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha nnɛ yi ne wɔn a wɔne yɛn nni ha nnɛ yi.


Ɛnnɛ mo nyinaa mogyina AWURADE mo Nyankopɔn anim; mo atitire, mo mmusuakuo, mo mpanimfoɔ ne mo ahwɛfoɔ, Israel mmarima nyinaa;


ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ ɛmmɛdi mo adanseɛ sɛ yera na mobɛyera ntɛm soɔ afiri asase a moretwa Yordan akɔfa no so, mo nna renkyɛre so, na mmom sɛeɛ na mobɛsɛe pasapasa.


Enti monni so na monyɛ, ɛfiri sɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhunumu, aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafoɔ ne nhunumufoɔ ne ɔman kɛseɛ yi!


Ma menhunu wo nsiesieeɛ kwan mu, na mennwene w’anwanwadeɛ ho.


Na sɛ ɔkura mu di me mmara nsɛm ne m’atemmudeɛ so sɛ ɛnnɛ da yi a, mɛma n’ahennie atim akɔsi daa.


Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.


Deɛ maka no nyinaa, monni so. Na anyame foforɔ din nso, mommmɔ, mommma wɔnnte wɔ mo anomu.


ɔkwan a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no nyinaa so na monnanteɛ na moanya nkwa, na asi mo yie, na mo nna aware asase a morekɔnya no so.


Na Mose ne Israel mpanimfoɔ no hyɛɛ ɔman no sɛ: Monni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so.


Sɛ mogya AWURADE hɔ na mokɔsom ananafoɔ anyame a, ɔbɛdane ayɛ mo bɔne na wama moahye, sɛ ɔyɛɛ mo yie kane no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios