Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 28:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Ɔhene Dawid sɔre gyinaa ne nan so kaa sɛ: Me nuanom ne me man, montie me! Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi homebea fie mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiasoɔ. Na masiesie ne sie no ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na Ɔhene Dawid sɔre gyinaa ne nan so kaa sɛ: Me nuanom ne me man, montie me! Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi homebea fie mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiasoɔ. Na masiesie ne sie no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Dawid sɔre gyinaa wɔn anim, kasa kyerɛɛ wɔn se, “Me nuanom ne me nkurɔfo, anka mepɛɛ sɛ misi asɔredan a wɔde Awurade Apam Adaka, Onyankopɔn anan ntiaso no besi afebɔɔ. Meyɛɛ ho ahoboa nyinaa sɛ mede rebesi,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Dawid sɔre gyinaa wɔn anim, kasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me nuanom ne me nkurɔfoɔ, anka mepɛɛ sɛ mɛsi asɔredan a wɔde Awurade Apam Adaka, Onyankopɔn nan ntiasoɔ no bɛsi afebɔɔ. Meyɛɛ ho ahoboa nyinaa sɛ mede rebɛsi,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔhene Dawid sɔre gyinaa n’anan so kae sɛ: Me nuanom ne me man, muntie me! Me de, ɛwɔ me koma mu sɛ mesi homebea, ofi mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiaso, na masiesie ne si no ho.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 28:2
30 Referencias Cruzadas  

Na wɔkɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Hwɛ, wo ba Yosef reba wo nkyɛn. Na Israel miaa n’ani tenaa ne mpa so.


Yeinom nyinaa akyiri no, ɔhene nkoa aba abɛma yɛn wura Ɔhene Dawid amo sɛ: Onyankopɔn mma Salomo din nyɛ kɛse nsene wo din, na ɔmma n’adwa nso nsene w’adwa. Na ɔhene bɔɔ ne mu ase ne mpa so;


Wo ara wonim m’agya Dawid sɛ ɛdɔm a ɛtwaa ne ho hyiaeɛ nti, wantumi ansi ɛdan amma AWURADE ne Nyankopɔn din de kɔsii sɛ AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nan aseɛ.


Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnyɛ wo na wobɛsi dan ama me na matena mu.


Na hwɛ, m’amaneɛ mu no, masiesie AWURADE fie no ho sika dwetikɛseɛ mpemha ne dwetɛ dwetikɛseɛ ɔpepem, na kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ deɛ, ɛnni nkariiɛ, ɛfiri sɛ ɛdɔɔso pii pa, na nnua ne aboɔ nso, masiesie, na wode ebi aka ho.


Na ɔfrɛɛ ne ba Salomo, na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnsi efie mma AWURADE, Israel Nyankopɔn.


Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi efie ama AWURADE me Nyankopɔn din,


Na yeinom ne wɔn a Dawid de sisii AWURADE fie dwontoɔ som soɔ, firi berɛ a adaka no nyaa ahomeeɛ no,


Na ɛwɔ m’agya Dawid akoma mu sɛ anka ɔbɛsi dan ama AWURADE, Israel Nyankopɔn din.


AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.


Yei ne me homebea daapem, ɛha na mɛtena, na mepɛ ha.


sɛdeɛ ɔkaa AWURADE ntam, na ɔhyɛɛ Yakob tumfoɔ no bɔ sɛ:


Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom, mɛkamfo wo asafo mu.


Momma AWURADE yɛn Nyankopɔn so, na monkoto nsɔre ne nan ase adwa anim. Ɔno na ɔyɛ kronkron.


Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn, ne pepeaa, sɛsɛ ne kwabɔhorɔ bɛbom ahyehyɛ me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ me nantiabea animuonyam.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔsoro yɛ m’adwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɛdan bɛn na mobɛsi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ?


Ao, sɛdeɛ AWURADE asi de mununkum akata Sion babaa ho, n’abufuo mu! Wafiri soro ato Israel ahoɔfɛ ahwe fam, na wankae ne nan ntiasoɔ n’abufuo da no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, m’ahennwa sibea ne m’anammɔn agyinaeɛ a mɛtena hɔ, Israelfoɔ mu akɔsi daa nie. Na Israel fie rengu me din kronkron ho fi bio, sɛdeɛ wɔn ne wɔn ahemfo de wɔn adwamammɔ ne wɔn ahemfo afunu yɛeɛ no, wɔn sorɔnsorɔmmea so,


Na ntɛm ara deɛ ɔnyaa talente nnum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma na ɔnyaa ho talente nnum.


Awurade se: Ɔsoro yɛ m’ahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɔdan bɛn na mobɛsi ama me? Anaasɛ ɛhe ne me homebea?


fa deɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi no no si wo so hene; wo nuanom mu bi na fa no si wo so hene; mfa ɔnanani bi a ɔnyɛ wo nua nsi wo so hene.


na n’akoma amma ne ho so ansene ne nuanom, na wammane amfiri mmara nsɛm no ho ankɔ nifa anaa benkum, na ama ne nna aware n’ahennie mu, ɔno ne ne mma, Israel mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios