1 Berɛsosɛm 27:1 - New Revised Asante Twi Bible1 Na Israel mma a wɔabu wɔn ano agyanom atitire, ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene, ne wɔn ahwɛfoɔ a wɔsom ɔhene akuo akuo ahodoɔ no nsɛm nyinaa mu, wɔn a wɔba ne wɔn a wɔfiri adi bosome biara, afe mu abosome nyinaa mu nkyekyɛmu mmaako mmaako no yɛ nnipa mpemaduonu nnan. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron1 Na Israel mma a wɔabu wɔn ano agyanom atitire, ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene, ne wɔn ahwɛfoɔ a wɔsom ɔhene akuo akuo ahodoɔ no nsɛm nyinaa mu, wɔn a wɔba ne wɔn a wɔfiri adi bosome biara, afe mu abosome nyinaa mu nkyekyɛmu mmaako mmaako no yɛ nnipa mpemaduonu nnan. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm1 Israelfo akuw ahorow no ni—mmusua mpanyimfo, asahene ne asraafo mpanyimfo a na wɔhwɛ asraafo akuw ahorow so de som ɔhene, a kuw biara kɔ adwuma ɔsram baako wɔ afe mu. Na dɔm a wɔwɔ kuw biara mu nso dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Wɔn din na edidi so yi. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm1 Israelfoɔ akuo ahodoɔ no nie—mmusuapanin, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ a na wɔhwɛ asraafoɔ akuo ahodoɔ so de som ɔhene, a ekuo biara kɔ adwuma bosome baako wɔ afe mu. Na ɛdɔm a wɔwɔ ekuo biara mu nso dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi: Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON1 Na Israelfo a wɔabu wɔn ano mpanyimfi atitiriw, ne mpem ne ɔha ha so asafohene, ne wɔn ahwɛfo a wɔsom ɔhene, nkyekyem horow no ho nsɛm nyinaa mu, wɔn a wɔba ne wɔn a wofi adi daa ɔsram, afe mu asram nyinaa a nkyekyem biara yɛ nnipa peduonu anan ni: Ver Capítulo |