Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 26:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Ɔno Selomot ne ne nuanom di akronkronneɛ a Dawid a ɔyɛ ɔhene no ne agyanom atitire, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne dɔm asafohene no yɛɛ no kronkron no akoradeɛ nyinaa so,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Ɔno Selomot ne ne nuanom di akronkronneɛ a Dawid a ɔyɛ ɔhene no ne agyanom atitire, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne dɔm asafohene no yɛɛ no kronkron no akoradeɛ nyinaa so,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Selomot ne nʼabusuafo na na wɔhwɛ sikakorabea a na wɔkora agyapade a wɔde ama Awurade no so. Agyapade no bi ne nea Dawid ne mmusua ntuanofo ne asahene ne asraafo mpanyimfo de maa Awurade no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Selomot ne nʼabusuafoɔ na na wɔhwɛ sikakorabea a na wɔkora agyapadeɛ a wɔde ama Awurade no so. Agyapadeɛ no bi ne deɛ Dawid ne mmusua ntuanofoɔ ne asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ de maa Awurade no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Ɔno Selomit ne ne nuanom di akronkronne a ɔhene Dawid ne agyanom atitiriw, mpem ne ɔha ha so asafohene ne dɔm asafohene no yɛɛ no kronkron no akorade nyinaa so,

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 26:26
13 Referencias Cruzadas  

Ɛno nso na Ɔhene Dawid de yɛɛ akronkronneɛ maa AWURADE, sɛ dwetɛ ne sika a ɛfiri amanaman a ɔbrɛɛ wɔn aseɛ no nyinaa mu a ɔde yɛɛ akronkronneɛ no,


Ɛnonom nso na Ɔhene Dawid yɛɛ no kronkron maa AWURADE. Na ɔhyiraa dwetɛ ne sika a ɔkɔsoa firii amanaman no nyinaa Edomfoɔ, Moabfoɔ ne Amon mma ne Filistifoɔ ne Amalekfoɔ mu no so.


Na hwɛ, m’amaneɛ mu no, masiesie AWURADE fie no ho sika dwetikɛseɛ mpemha ne dwetɛ dwetikɛseɛ ɔpepem, na kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ deɛ, ɛnni nkariiɛ, ɛfiri sɛ ɛdɔɔso pii pa, na nnua ne aboɔ nso, masiesie, na wode ebi aka ho.


Na ne nuanom yɛ Eliesa deɛ: Ne ba Rehabia, ne ba Yesaia, ne ba Yoram, ne ba Sikri, ne ba Selomot.


akodie mu asadeɛ na wɔyii bi yɛɛ no kronkron sɛ wɔde asiesie AWURADE fie.


Na hwɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ akuakuo a wɔbɛsom Nyankopɔn fie som nyinaa nie. Na adwuma no nyinaa mu, nnipa a wɔyi wɔn yam, na wɔwɔ ɔsom nyinaa ho nyansa, ne asafohene no ne ɔman no nyinaa, wɔ wo nsam.


Na Lewifoɔ mu deɛ: Merari ba Hasabia ba Asrikam ba Hasub ba Semaia,


Na Lewifoɔ no ne Yuda nyinaa yɛɛ sɛdeɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛeɛ no nyinaa. Na wɔn mu biara de ne nnipa a wɔrebɛsom asɔrefie homeda, ne wɔn a wɔrepɔn adwuma homeda no bae, ɛfiri sɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada amma wɔn a wɔrepɔn no ampɔn.


Na Hesekia de asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nkyekyɛmu so atitire no sisii wɔn nkyekyɛmu so, obiara sɛdeɛ ne som teɛ, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no, sɛ wɔmmobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔnsom na wɔnna ase, nyi ayɛ AWURADE nsraban apono mu.


Apono ano ahwɛfoɔ no mma: Salum mma, Ater mma, Talmon mma, Akub mma, Hatita mma, Sobai mma: Wɔn nyinaa yɛ ɔha aduasa nkron.


Na wɔyɛɛ wɔn Nyankopɔn som adwuma ne ahodwira ho som adwuma sɛ nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no nso, sɛdeɛ Dawid ne ne ba Salomo hyɛeɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios