Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 24:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Netanel ba Ɔtwerɛfoɔ Semaia a ɔfiri Lewifoɔ mu no twerɛɛ ne nyinaa wɔ ɔhene ne mmapɔmma ne Ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ agyanom mu atitire no anim, wɔyii agya fie baako maa Eleasa ansa na wɔreyi baako nso ama Itamar.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Netanel ba Ɔtwerɛfoɔ Semaia a ɔfiri Lewifoɔ mu no twerɛɛ ne nyinaa wɔ ɔhene ne mmapɔmma ne Ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ agyanom mu atitire no anim, wɔyii agya fie baako maa Eleasa ansa na wɔreyi baako nso ama Itamar.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛwfo. Ɔkyerɛw din ne nnwuma ahorow wɔ ɔhene no ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfo no ne Lewi mmusua no mpanyimfo anim. Eleasar ne Itamar asefo bobɔɔ ntonto sɛnea edidi so yi:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔtwerɛfoɔ. Ɔtwerɛɛ din ne nnwuma ahodoɔ wɔ ɔhene no ne ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewi mmusua no mpanimfoɔ anim. Eleasa ne Itamar asefoɔ bobɔɔ ntonto sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi:

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Netanel ba ɔkyerɛwfo Semaia a ofi Lewifo mu no kyerɛw wɔn din, ɔhene ne mmapɔmma ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfo no ne Lewifo agyanom mu atitiriw no anim, wɔtwee agya fi biako maa Eleasar ansa na wɔtwee biako nso maa Itamar.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 24:6
12 Referencias Cruzadas  

Sisa mma Elihoref ne Ahia yɛ atwerɛfoɔ; Ahilud ba Yosafat ne ɔsɛnkaefoɔ;


Na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Abimelek ne asɔfoɔ. Na Sawsa ne ɔtwerɛfoɔ.


Yeinom ne Lewi mma, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, agyanom mu atitire, sɛ wɔkan wɔn mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn din dodoɔ teɛ, a wɔyɛ AWURADE fie som adwuma no, wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu ne akyire.


Na yeinom nso twee ntonto sɛ wɔn nuanom Aaron mma no ara, Ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ agyanom atitire no anim, agyanom mu atitire, sɛ ne nua kumaa ara.


Na ntonto no bɔɔ Yehoiarib kane. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛɛ Yedaia deɛ,


na wɔdii nnesoasoafoɔ no so, na wɔhwɛɛ adwumayɛfoɔ nyinaa so sɛdeɛ ɔsom ahodoɔ no teɛ; nso na Lewifoɔ no mu binom yɛ atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ.


ɔno Esra no foro firi Babel bae, nso ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a na wawedare Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de maeɛ no mu. Ɔno na ɔhene de deɛ ɔbisaeɛ nyinaa maa no, ɛfiri sɛ na AWURADE ne Nyankopɔn nsa wɔ ne so.


Na bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ, na Israelfoɔ no wowɔ wɔn nkuro mu no. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano, hyiaa sɛ onipa baako wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono no anim no so, na wɔka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Esra sɛ ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nwoma mmra.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei nti ɔtwerɛfoɔ biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahennie no te sɛ efiewura bi a ɔfiri n’agyapadeɛ mu yi nnoɔma foforɔ ne dada adie.


Na Ɔtwerɛfoɔ bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkorɔ no, mɛdi w’akyi.


Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, Ɔsɔfopanin Abiatar berɛ so, na ɔkɔdii Kyerɛ paanoo a obiara nni ho kwan sɛ ɔdie, gye asɔfoɔ nko ara, na ɔmaa wɔn a wɔne no nam no bi nso no?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios