Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 24:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔtoo wɔn so ntonto tetee wɔn mu, yeinom ne yeinom, na kronkronbea mmapɔmma ne Nyankopɔn mmapɔmma no firi Eleasa mma ne Itamar mma mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na wɔtoo wɔn so ntonto tetee wɔn mu, yeinom ne yeinom, na kronkronbea mmapɔmma ne Nyankopɔn mmapɔmma no firi Eleasa mma ne Itamar mma mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadi ahorow nyinaa maa akuwakuw no, sɛnea ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Efisɛ na mpanyimfo bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasar ne Itamar asefo no nso wɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadie ahodoɔ nyinaa maa akuakuo no, sɛdeɛ ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Ɛfiri sɛ, na mpanimfoɔ bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasa ne Itamar asefoɔ no nso wɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na wobuu wɔn mu ntonto so, eyinom ne eyinom, na kronkronbea mmapɔmma ne Onyankopɔn asafohene no fi Eleasar mma ne Itamar mma mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 24:5
17 Referencias Cruzadas  

Na yeinom nso twee ntonto sɛ wɔn nuanom Aaron mma no ara, Ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ agyanom atitire no anim, agyanom mu atitire, sɛ ne nua kumaa ara.


Na wɔhunuu Eleasa mma mu mmarima no mu atitire bebree sene Itamar mma mu, na wɔbuu wɔn mu: Eleasa mma nyaa mpanimfie atitire dunsia, na Itamar mma, wɔn mpanimfie so, nwɔtwe.


Na wɔtwee ɔhwɛ adwuma no so ntonto pɛ maa wɔn mu nkumaa ne akɛseɛ, animdefoɔ ne asuafoɔ.


Na wɔtwee ntonto, nkumaa ne akɛseɛ so, sɛ wɔn mpanimfie teɛ, de yiyii wɔn apono.


ne Ahitub ba Meraiot ba Sadok ba Mesulam ba Hilkia ba Asaria a ɔyɛ Nyankopɔn fie bapɔmma;


Na ne mmapɔmma nso yiyi maa ɔman no, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ayamyi so. Hilkia ne Sakaria ne Yehiel, Nyankopɔn fie mmapɔmma no de Twam nnwan mpennu ahansia ne anantwie ahasa maa asɔfoɔ no.


Hilkia ba Seraia, Mesulam ba, Sadok ba, Meraiot ba, Ahitub ba a ɔyɛ Nyankopɔn fie panin;


Srɛ so na wɔtwe tonto, na atemmuo nyinaa firi AWURADE.


enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho, na mayi Yakob mama mmusuo, na mede Israel mama adapaabɔfoɔ.


Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Mommra mma yɛntwe ntonto mfa nhunu deɛ ne nti saa amaneɛ yi aba yɛn soɔ yi. Na wɔtwee ntonto no, ntonto no bɔɔ Yona.


Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ kɔhyiaa ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,


Na adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no mu mpanimfoɔ no tuu ne ho agyina sɛ wɔbɛkum no.


Na wɔtwee wɔn so ntonto; na ntonto no bɔɔ Matia, na wɔkann no kaa asomafoɔ dubaako no ho.


Na wɔrekasa akyerɛ ɔman no no, asɔfoɔ ne asɔrefie safohene ne Sadukifoɔ baa wɔn so.


na Ɔsɔfopanin Hana ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne dodoɔ a wɔfiri ɔsɔfo panin abusua mu no ka ho.


Na asɔrefie safohene ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no tee nsɛm yi no, wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee wɔ ho sɛ, yei bɛyɛ deɛn nie?


Na Yosua twee ntonto maa wɔn AWURADE anim wɔ Silo, na Yosua kyɛɛ asase no mu wɔ hɔ maa Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios