Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 23:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sɛdeɛ Lewi mma no teɛ: Gerson, Kohat ne Merari.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sɛdeɛ Lewi mma no teɛ: Gerson, Kohat ne Merari.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na Dawid kyekyɛɛ Lewifo no mu akuwakuw de mmusuakuw a wɔyɛ Lewi mmabarima Gerson, Kohat ne Merari asefo no din totoo wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na Dawid kyekyɛɛ Lewifoɔ no mu akuakuo de mmusuakuo a wɔyɛ Lewi mmammarima Gerson, Kohat ne Merari asefoɔ no din totoo wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu akuwakuw: Lewi mma Gerson, Kohat ne Merari.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 23:6
18 Referencias Cruzadas  

Gersonfoɔ ne: Ladan ne Simei.


Na Aaron mma no deɛ, wɔn mu nkyekyɛmu nie: Aaron mma ne: Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar.


Apono ano ahwɛfoɔ no mu nkyekyɛmu nie: Korafoɔ no mu: Kore ba Meselemia, ɔfiri Asaf mma mu.


ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ nkyekyɛmu ne AWURADE fie som adwuma no nyinaa ne AWURADE fie som ho adeɛ nyinaa;


Lewi mma ne: Gerson, Kehat ne Merari.


Lewi mma: Gersom, Kehat ne Merari.


Na Yehoiada siesiee AWURADE fie hwɛ nnwuma no de hyɛɛ asɔfoɔ a wɔne Lewifoɔ a Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sisii AWURADE fie so, sɛ wɔmmɔ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara mu no, na wɔnyɛ no anigyeɛ ne nnwontoɔ mu sɛ Dawid hyehyɛɛ no no.


Na ɔde Lewifoɔ no gyinagyinaa AWURADE fie, na wɔkurakura nnawuro ne mmɛnta ne asankuten sɛdeɛ Dawid ne ɔhene no Ɔdehunufoɔ Gad ne Odiyifoɔ Natan hyɛeɛ no. Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nsa so na ɔhyɛeɛ.


Na Hesekia de asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nkyekyɛmu so atitire no sisii wɔn nkyekyɛmu so, obiara sɛdeɛ ne som teɛ, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no, sɛ wɔmmobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔnsom na wɔnna ase, nyi ayɛ AWURADE nsraban apono mu.


Ɛnna wɔsiesiee ɔsom no, na asɔfoɔ no gyinagyinaa wɔn agyinaeɛ, na Lewifoɔ no nso wowɔ wɔn nkyekyɛmu mu, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no.


Na monsiesie mo ho, sɛ mo mpanimfie so, mo nkyekyɛmu mu, sɛdeɛ Israelhene Dawid ne ne ba Salomo twerɛeɛ no,


Na sɛdeɛ n’agya Dawid atorɔmudeɛ teɛ no, ɔde asɔfoɔ no nkyekyɛmu no sisii wɔn som so, ne Lewifoɔ no nso, wɔn som nnwuma so, sɛ wɔnyi ayɛ na wɔnsom asɔfoɔ no anim, sɛdeɛ ɛhia da biara; ne apono ano hwɛfoɔ no, wɔn nkyekyɛmu mu, ɛpono ne ɛpono ano, na saa na Nyankopɔn nipa Dawid hyɛeɛ.


Na wɔde asɔfoɔ no sisii wɔn akuakuo so, ne Lewifoɔ no, wɔn nkyekyɛmu so maa Nyankopɔn som Yerusalem, sɛdeɛ wɔtwerɛɛ no Mose nwoma no mu no.


Na yeinom ne Lewi mma, sɛdeɛ wɔn din teɛ: Gerson, Kohat ne Merari.


Yeinom ne Aaron mma, asɔfoɔ a wɔsraa wɔn ngo a wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnni asɔfoɔ no din.


Yei ne Kohat mma no ahyiaeɛ ntomadan no mu som adwuma: Akronkronneɛ mu ade kronkron no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios