Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 22:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima ama wo, ɔno na ɔbɛyɛ asomdwoeɛ nipa, na mɛma ne ho adwo no afiri n’atamfo nyinaa a wɔatwa ne ho ahyia. Na Salomo (a aseɛ ne: Asomdwoeɛni) na ɛbɛyɛ ne din, na asomdwoeɛ ne kommyɛ nso na mede bɛba Israel so ne berɛ soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima ama wo, ɔno na ɔbɛyɛ asomdwoeɛ nipa, na mɛma ne ho adwo no afiri n’atamfo nyinaa a wɔatwa ne ho ahyia. Na Salomo (a aseɛ ne: Asomdwoeɛni) na ɛbɛyɛ ne din, na asomdwoeɛ ne kommyɛ nso na mede bɛba Israel so ne berɛ soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na wobɛwo ɔbabarima a ne bere so asomdwoe ne ahotɔ bɛba. Mɛma asomdwoe abɛda ɔne nʼatamfo a wɔwɔ nsase a atwa ha ahyia no nyinaa ntam. Wɔbɛfrɛ no Salomo. Nʼahenni mu no, mɛma asomdwoe ne ahotɔ aba Israel.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na wobɛwo ɔbabarima a ne berɛ so asomdwoeɛ ne ahotɔ bɛba. Mɛma asomdwoeɛ abɛda ɔne nʼatamfoɔ a wɔwɔ nsase a atwa ha ahyia no nyinaa ntam. Wɔbɛfrɛ no Salomo. Nʼahennie mu no, mɛma asomdwoeɛ ne ahotɔ aba Israel.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima ama wo, ɔno na ɔbɛyɛ ahodwoe nipa, na mɛma ne ho adwo no afi n’atamfo nyinaa ho ahyia. Na Solomon [a ase ne: Asomdwoeni] na ɛbɛyɛ ne din, na asomdwoe ne kommyɛ nso na mede mɛba Israel so ne bere so.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 22:9
24 Referencias Cruzadas  

Kɔ Ɔhene Dawid nkyɛn, na ka kyerɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo, me wura ɔhene na wokaa w’afenaa ntam sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛdi m’adeɛ, na ɔno na ɔbɛtena m’adwa soɔ? Na adɛn nti na Adoniya di hene yi?


Na ɔkaa sɛ: Wo ara wonim sɛ anka ahennie no yɛ me dea, na me so na Israel nyinaa de wɔn ani toeɛ sɛ mɛdi hene, nanso ahennie no danee, na akɔyɛ me nua deɛ; na AWURADE na ɔde maa no.


Na afei, ao AWURADE me Nyankopɔn, wo na woasi w’akoa ɔhene asi m’agya Dawid ananmu, na me deɛ, meyɛ abɔfra ketewa, mennim adifire ne emuba.


Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano anwea dodoɔ, wɔdidi na wɔnom, na wɔn ani gye.


Na ɔdi asubɔnten no atɔeɛ ahemfo a wɔwɔ asubɔnten no fa ha nyinaa so tumi firi Tifsa bɛduru Gasa, na ɔnyaa asomdwoeɛ n’ahyeɛ nyinaa so hyiae.


Na Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmaako mmaako firi Dan kɔsi Beer-seba, Salomo nna nyinaa.


Na afei AWURADE me Nyankopɔn ama me ɔhome afa nyinaa; ɔtamfoɔ biara nni hɔ, na asiane biara nni hɔ.


Nhyira ne AWURADE a wama ne man Israel ahome. N’asɛmpa a ɔnam n’akoa Mose so kaeɛ no nyinaa mu asɛm baako mpo antɔ fam.


Na sɛ wo nna wie du, na woti w’agyanom wɔ asamando a, mɛma w’aseni so wɔ w’akyiri a ɔbɛfiri wo mma mu, na mama n’ahennie atim.


Ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔdi mo akyire na wama mo ho nyinaa adwo mo ahyia? Na ɔde asase no sofoɔ ahyɛ me nsa, na wɔabrɛ asase no ase AWURADE ne ne man anim?


wo na woakora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ama no. Wode w’ano na ɛkaeɛ, na wode wo nsa ama no aba mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Na sɛ ɔno na ɔma no dwo a, hwan na ɔbɛbu fɔ? Na ɔde n’ani hunta a, hwan na ɔbɛhu no? Ɔman mu so oo, ɔbaakofoɔ so oo, ɔyɛ no pɛ,


Onyankopɔn, fa w’atemmuo ma ɔhene, ne wo tenenee ma ɔhene ba.


Ɔteneneeni bɛsi frɔmm ne berɛ so, na asomdwoeɛ pii bɛba akɔduru sɛ ɔsrane nni hɔ bio.


AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoeɛ ama yɛn, na yɛn nneyɛɛ nyinaa nso, woawie ama yɛn.


Me na mebɔ hann, na mebɔ sum, mema asomdwoeɛ, na mede amaneɛ ba. Me, AWURADE, na meyɛ yeinom nyinaa.


Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka deɛ ɔwɔ akyirikyiri ne deɛ ɔbɛn, AWURADE na ɔseɛ, na mɛsa no yadeɛ.


Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merekoa yiedie mama no, sɛ asubɔnten, ne amanaman ahonyadeɛ nso, sɛ asutene a ayire, na moanom. Nkyɛnmu na wɔbɛturu mo, na wɔagyegye mo anankoroma so.


So na ɛdan yi animuonyam bɛso, akyire yi deɛ no bɛsene kane deɛ no, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛha na mɛma asomdwoeɛ, asafo AWURADE asɛm nie.


Ɛnna Gideon sii afɔrebukyia hɔ maa AWURADE, na ɔfrɛɛ no: Yahwe-salom. Ɛda so wɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfoɔ deɛ no de bɛsi nnɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios