Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 22:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi efie ama AWURADE me Nyankopɔn din,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi efie ama AWURADE me Nyankopɔn din,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Dawid ka kyerɛɛ no se, “Me ba, na anka mepɛ sɛ misi asɔredan de hyɛ Awurade, me Nyankopɔn, din anuonyam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, na anka mepɛ sɛ mesi asɔredan de hyɛ Awurade, me Onyankopɔn, din animuonyam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: Me de, ɛwɔ me koma mu sɛ mesi ofi mama AWURADE me Nyankopɔn din,

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 22:7
16 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene te ne fie na AWURADE maa no ɔhome firii n’atamfo nyinaa ho hyiaeɛ no,


sɛ wobɛbue w’ani akyerɛ ɛdan yi anadwo ne awia, sɛdeɛ wokaa sɛ: Me din bɛtena hɔ no, na woatie mpaeɛ a w’akoa rebɔ kyerɛ ha yi.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ ne wo nkotosrɛ a wobɛsrɛɛ no m’anim no, na mayɛ efie a woasi yi kronkron, sɛ mede me din bɛto so akɔsi daa, na m’ani ne m’akoma atena hɔ nna nyinaa.


Afei momfa mo akoma ne mo kra mma, sɛ mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn. Na monsɔre nkɔsi AWURADE Nyankopɔn kronkronbea no, na wɔmfa AWURADE apam adaka no ne Nyankopɔn akronkronneɛ no mmra efie a wɔbɛsi ama AWURADE din no mu.


Nanso me Nyankopɔn fie ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akoradeɛ a ɛwɔ me hɔ no, mede mama me Nyankopɔn fie no apae deɛ masiesie asie kronkronbea fie no nyinaa so.


hwɛ, me nso merebɛsi efie mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahye aduhwam a ɛyɛ hwam n’anim, na wɔasiesie kyerɛ paanoo daa, na wɔabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ daa anɔpa ne anwummerɛ ne home nna ne abosome foforɔ ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Yei ne Israel amanneɛ de kɔsi daa.


Na Onyankopɔn a ɔma ne din tena hɔ no bɛbutu ɔhene ne ɔman biara a wɔtene wɔn nsa dane ani, sɛ wɔbɛbubu Nyankopɔn fie yi wɔ Yerusalem. Me Dario na mahyɛ mmara yi, ma wɔnni so pɛpɛɛpɛ.


kɔsi sɛ mɛnya baabi mama AWURADE, tenabea bi ama Yakob tumfoɔ no ansa.


ɛnneɛ faako a AWURADE mo Nyankopɔn bɛyi ama ne din atena no, ɛhɔ na momfa deɛ merehyɛ mo no nyinaa nkorɔ: Mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo kum afɔdeɛ ne mo ntotosoɔ du du ne mo nsam mmasoɔ adeɛ ne mo bɔhyɛ adeɛ a moyie a mode hyɛ AWURADE bɔ no nyinaa.


Sɛ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato hɔ no ne wo ntam ware a, ɛnneɛ kum w’anantwie ne wo nnwan a AWURADE de ama woɔ no bi, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no, na di no wo kuro mu, sɛdeɛ wo kra kɔn dɔ;


na mmom faako a ɔbɛyi mo mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛtoɔ na watena no na monhwɛ, na ɛhɔ na monkorɔ;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios