Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 22:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔfrɛɛ ne ba Salomo, na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnsi efie mma AWURADE, Israel Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔfrɛɛ ne ba Salomo, na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnsi efie mma AWURADE, Israel Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Afei, Dawid soma kɔfaa ne babarima Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ onsi asɔredan mma Awurade, Israel Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Afei, Dawid soma kɔfaa ne babarima Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsi asɔredan mma Awurade, Israel Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔfrɛɛ ne ba Solomon, na ɔhyɛɛ no sɛ onsi ofi mma AWURADE, Israel Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 22:6
15 Referencias Cruzadas  

Na Farao tuu nnipa maa no sɛ wɔnkɔgya no ne ne yere ne deɛ ɔwɔ nyinaa kwan.


Na ɔhene te ne fie na AWURADE maa no ɔhome firii n’atamfo nyinaa ho hyiaeɛ no,


Afei Dawid nna bɛnee sɛ ɔbɛwuo no, ɔhyɛɛ ne ba Salomo sɛ:


Na Dawid te ne fie no, ɔka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete ntweneduro dan mu, na AWURADE apam adaka no wɔ ntomadan ase.


Na Ɔhene Dawid sɔre gyinaa ne nan so kaa sɛ: Me nuanom ne me man, montie me! Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi homebea fie mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiasoɔ. Na masiesie ne sie no ho.


na ɔde ne nsa guu ne so na ɔhyɛɛ no mmara, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so kaeɛ no.


de bɛsii da a ɔnam Honhom Kronkron soɔ maa asomafoɔ a ɔyii wɔn no ahyɛdeɛ, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo nna a worebɛwuo no abɛn; frɛ Yosua bra, na mommɛgyina ntomadan no mu, na memfa n’adwuma nhyɛ ne nsa. Na Mose ne Yosua ba bɛgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no mu.


Na AWURADE hyɛɛ Nun ba Yosua sɛ: Yɛ den na yɛ nnam; na wo na wode Israelfoɔ bɛkɔ asase a mekaa wɔn ɛho ntam no soɔ: Na mɛdi w’akyi.


Mehyɛ wo Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu ne abɔfoɔ a wɔayi wɔn no anim, sɛ hwɛ yeinom yie, na woampere ho ammu atɛn, nso woanyɛ biribiara nyiyimu so.


Afei mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn n’ahoyie ne n’ahennie mu no anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios