Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 22:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na Dawid kaa sɛ: Me ba Salomo yɛ abɔfra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na efie no, wɔnsi mma AWURADE mma no nso kɛseɛ pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛdeɛ mma nsase nyinaa, na enti mɛsiesie mama no. Na Dawid siesiee nnoɔma a wɔdi si dan pii pa ansa na ɔrewuo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na Dawid kaa sɛ: Me ba Salomo yɛ abɔfra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na efie no, wɔnsi mma AWURADE mma no nso kɛseɛ pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛdeɛ mma nsase nyinaa, na enti mɛsiesie mama no. Na Dawid siesiee nnoɔma a wɔdi si dan pii pa ansa na ɔrewuo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Dawid kae se, “Me babarima Salomo nnyinii, na onni osuahu bi, nanso ɛsɛ sɛ saa asɔredan yi yɛ kɛse, gye din na ɛyɛ anuonyamhyɛ wɔ wiase mmaa nyinaa. Enti mefi ase nnɛ yi ara ayɛ ahoboa ama ne si.” Enti Dawid pɛɛ adansi ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Dawid kaa sɛ, “Me babarima Salomo nnyiniiɛ, na ɔnni osuahunu bi, nanso ɛsɛ sɛ Awurade asɔredan yi yɛ kɛseɛ, gye edin na ɛyɛ animuonyamhyɛdeɛ wɔ ewiase afanan nyinaa. Enti, mɛfiri aseɛ ayɛ ahoboa ama ne sie ɛnnɛ yi ara.” Enti, Dawid pɛɛ adansie ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Dawid kae sɛ: Me ba Solomon yɛ abofra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na ofi no, wonsi mma AWURADE mma ɛnso kɛse pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛde mma nsaase nyinaa, na enti mesiesie ho nneɛma. Na Dawid siesiee ade pii pa ansa na ɔrewu.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 22:5
22 Referencias Cruzadas  

Na afei, ao AWURADE me Nyankopɔn, wo na woasi w’akoa ɔhene asi m’agya Dawid ananmu, na me deɛ, meyɛ abɔfra ketewa, mennim adifire ne emuba.


Na ɛdan yi, bɛyɛ dammoto na obiara a ɔtwam wɔ ho no ho bɛdwiri no, na wabɔ kyɛkyɛ, na waka sɛ: Ɛnam ɛdeɛn so nti na AWURADE ayɛ asase yi ne efie yi sɛɛ?


Na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Me ba Salomo, a ɔno nko na Onyankopɔn ayi no no, yɛ abɔfra, na ɔnni suahunu, na adwuma no so, ɛfiri sɛ ahemfie no nyɛ onipa dea, na ɛyɛ AWURADE Nyankopɔn dea.


na nnipa hunu ahuhufoɔ ne no boom hyɛɛ wɔn ho den tiaa Salomo ba Rehoboam, na Rehoboam yɛ abɔfra, na n’akoma yɛ mmerɛ, na wanhyɛ ne ho den wɔn anim.


hwɛ, me nso merebɛsi efie mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahye aduhwam a ɛyɛ hwam n’anim, na wɔasiesie kyerɛ paanoo daa, na wɔabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ daa anɔpa ne anwummerɛ ne home nna ne abosome foforɔ ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Yei ne Israel amanneɛ de kɔsi daa.


Na efie a merebɛsie no so, ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn no so sene anyame nyinaa.


Nanso brɛ me ntweneduro ne pepeaa ne abako nnua firi Lebanon, na menim sɛ wo nkoa nim Lebanon nnua twa, na hwɛ, me nkoa bɛka wo nkoa ho.


Na ɛdan a ɛkorɔn kɔ soro yi, obiara a ɔtwam ho no ho bɛdwiri no na waka sɛ: Ɛnam deɛn so nti na AWURADE ayɛ asase yi ne efie yi saa?


Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne agyanom atitire no mu pii a wɔanyini, a wɔhunuu akane fie no, wɔtoo fapem no wɔ wɔn anim no, wɔde nne kɛseɛ sui, na nnipa pii nso maa wɔn nne so osebɔ ne anigyeɛ mu,


Na na ɛberɛ a meyɛ abadoma no, ɔbabanin ne ɔba korɔ, ma me na ne m’agya no;


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Yɛn kronkronyɛ ne yɛn animuonyam fie a yɛn agyanom yii wo emu ayɛ no wɔde gya ahye, na yɛn anigyebea nyinaa ayɛ amamfo.


Na wɔn ahokekadeɛ fɛfɛ no, wɔde dii ahantansɛm, na wɔde yɛɛ wɔn akyiwadeɛ mfonini, wɔn atantanneɛ no, ɛno nti na mɛma no adane efi ama wɔn.


Mo mu hwan na aka a ɔhunuu ɛdan yi n’akane animuonyam no? Na afei mohu no sɛn? Ɛnte sɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee, mo ani so?


So na ɛdan yi animuonyam bɛso, akyire yi deɛ no bɛsene kane deɛ no, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛha na mɛma asomdwoeɛ, asafo AWURADE asɛm nie.


Na ebinom reka asɔrefie no ho asɛm sɛdeɛ wɔde abo fɛfɛ ne akyɛdeɛ hodoɔ ahyehyɛ no no, ɔkaa sɛ:


Na Twam afahyɛ no rebɛduru no, na Yesu nim sɛ ne dɔn aduru sɛ ɔrebɛfiri wiase akɔ Agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kɔsii awieeɛ.


Ɔno deɛ, ɛtwa sɛ ɔkɔ kan sene me, na me deɛ, medi akyire.


Ɛsɛ yɛn sɛ adekyeeɛ wɔ hɔ yi, yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios