Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 22:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na AWURADE mma wo nimdeɛ ne nhunumu, na ɔnhyɛ wo Israel ho mmara, na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn mmara di so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na AWURADE mma wo nimdeɛ ne nhunumu, na ɔnhyɛ wo Israel ho mmara, na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn mmara di so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na Awurade mma wo nyansa ne ntease, na woadi Awurade, wo Nyankopɔn mmara so bere a wudi Israel so hene yi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na Awurade mma wo nyansa ne nteaseɛ, na woadi Awurade, wo Onyankopɔn mmara so wɔ ɛberɛ a wodi Israel so ɔhene yi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na AWURADE mma wo nimdeɛ ne nhumu, na ɔnhyɛ wo Israel ho mmara, na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn mmara di so.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 22:12
12 Referencias Cruzadas  

na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛ wobɛnante n’akwan so, sɛ wobɛdi n’ahyɛdeɛ, ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’adansesɛm soɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara mu no, na woadi yie deɛ woyɛ nyinaa mu, baabiara a wobɛkorɔ.


Ma me nyansa ne nimdeɛ na memfiri adi ɔman yi anim na memmra mu, na hwan na ɔbɛbu wo man kɛseɛ yi atɛn?


Ma menhunu mu, na madi wo mmara so, na mede m’akoma nyinaa bɛdi so.


Onyankopɔn, fa w’atemmuo ma ɔhene, ne wo tenenee ma ɔhene ba.


Onitefoɔ nyansa ne sɛ ɔhunu ne kwan mu, na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.


Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfoɔ nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.


Enti monni so na monyɛ, ɛfiri sɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhunumu, aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafoɔ ne nhunumufoɔ ne ɔman kɛseɛ yi!


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no.


Na sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so a, ɛno ara na yɛde hunu sɛ yɛnim no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios