Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 22:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Afei, me ba, AWURADE nni w’akyi, na yɛ prɔmprɔm, na si AWURADE wo Nyankopɔn fie no, sɛdeɛ ɔkaa no wo ho no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Afei, me ba, AWURADE nni w’akyi, na yɛ prɔmprɔm, na si AWURADE wo Nyankopɔn fie no, sɛdeɛ ɔkaa no wo ho no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Afei, me ba, Awurade nka wo ho na ɔmma wo nkɔso bere a wudi nʼahyɛde so, na woresi Awurade, wo Nyankopɔn, asɔredan yi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Afei, me ba, Awurade nka wo ho na ɔmma wo nkɔsoɔ wɔ ɛberɛ a wodi nʼahyɛdeɛ so, na woresi Awurade, wo Onyankopɔn, asɔredan yi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Afei, me ba, AWURADE nni w’akyi, na kɔ w’anim, na si AWURADE wo Nyankopɔn fi no, sɛnea ɔkae wo ho no.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 22:11
11 Referencias Cruzadas  

Sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ no nni ano. Sɔre na yɛ, na AWURADE nni w’akyi.


Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Hyɛ wo ho den na mia w’ani, na yɛ, nsuro na mma w’akoma nntu, na AWURADE Nyankopɔn, me Nyankopɔn no, di w’akyi. Ɔrempa wo, na ɔrennya wo de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛwie AWURADE fie som adwuma no nyinaa.


Na Dawid ba Salomo hyɛɛ ne ho den n’ahennie ho, na AWURADE ne Nyankopɔn dii n’akyi na ɔmaa no so kɛseɛ pa ara.


Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaeɛ no aba mu, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, na mete Israel ahennwa so, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no, na masi dan no mama AWURADE Israel Nyankopɔn din,


AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoeɛ ama yɛn, na yɛn nneyɛɛ nyinaa nso, woawie ama yɛn.


Hwɛ, ababaawa no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabanin, na wɔato ne din Imanuel, (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn na ɛwɔ hɔ.)


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Asomdwoeɛ Nyankopɔn ne mo nyinaa ntena. Amen.


Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka wo.


Na Dawid kaa sɛ: AWURADE a ɔyii me gyata ne sisire nsam no, ɔno ara bɛyi me Filistini yi nsam. Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na AWURADE bɛdi w’akyi.


Na sɛ ɛsɔ m’agya ani sɛ bɔne mmra wo so na mamma ammɛyi wo asotire, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoeɛ mu a, AWURADE nyɛ me Yonatan saa na ɔnka ho saa! Na AWURADE nni w’akyi sɛdeɛ ɔdi m’agya akyire no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios