Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 22:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɔno na ɔbɛsi efie ama me din, na ɔno na ɔbɛyɛ me ɔba, na me nso mɛyɛ no agya, na mɛma n’ahennie adwa atim Israel so akɔsi daa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Ɔno na ɔbɛsi efie ama me din, na ɔno na ɔbɛyɛ me ɔba, na me nso mɛyɛ no agya, na mɛma n’ahennie adwa atim Israel so akɔsi daa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔno ne obi a obesi asɔredan, de ahyɛ me din anuonyam. Ɔbɛyɛ me babarima na mayɛ nʼagya. Na mɛma nʼahenni ahengua atim wɔ Israel afebɔɔ.’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔno ne obi a ɔbɛsi asɔredan, de ahyɛ me din animuonyam. Ɔbɛyɛ me babarima na mayɛ nʼagya. Na mɛma nʼahennie ahennwa atim wɔ Israel afebɔɔ.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Ɔno na obesi ofi ama me din, na ɔno na ɔbɛyɛ me ɔba, na me nso mɛyɛ no agya, na mɛma n’ahenni agua atim Israel so akosi daa.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 22:10
16 Referencias Cruzadas  

Na ɔkaa sɛ: Wo ara wonim sɛ anka ahennie no yɛ me dea, na me so na Israel nyinaa de wɔn ani toeɛ sɛ mɛdi hene, nanso ahennie no danee, na akɔyɛ me nua deɛ; na AWURADE na ɔde maa no.


Na afei, sɛ AWURADE a wama matim, na ɔde me atena m’agya Dawid adwa soɔ, na wakyekyere fie ama me sɛdeɛ ɔkaeɛ no te aseɛ yi, ɛnnɛ ara wɔbɛkum Adoniya.


Na hwɛ, mese merebɛsi ɛdan mama AWURADE me Nyankopɔn din, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid no sɛ: Wo ba a mede no bɛsi w’ananmu atena w’adwa soɔ no, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din.


Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama no aba mu sɛ:


ɛnneɛ mɛma wo hene a wodi Israel soɔ no adwa atim akɔsi daa, sɛdeɛ mekaa no w’agya Dawid ho sɛ: Onipa remmɔ wo, Israel ahennwa soɔ no.


na me mma nyinaa mu no, (ɛfiri sɛ AWURADE ama me mma pii,) wayi me ba Salomo sɛ ɔntena AWURADE ahennie adwa a wɔde di Israel soɔ no so.


wo na woakora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ama no. Wode w’ano na ɛkaeɛ, na wode wo nsa ama no aba mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Ɔno deɛ, ɔbɛfrɛ me sɛ: Wone m’agya, me Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ botan!


Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ aba, Dawid ahennwa so ne n’ahennie so, na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.


Na abɔfoɔ mu hwan na waka akyerɛ no pɛn sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ, na bio: Mɛyɛ no Agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios