Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 21:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na Dawid maa n’ani so, na ɔhunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afena a watwe kura ne nsam, na watene no Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanimfoɔ a wɔfirafira ayitoma no de wɔn anim butubutuu fam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na Dawid maa n’ani so, na ɔhunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afena a watwe kura ne nsam, na watene no Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanimfoɔ a wɔfirafira ayitoma no de wɔn anim butubutuu fam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Dawid pagyaw nʼani huu sɛ Awurade bɔfo no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼafoa de akyerɛ Yerusalem so. Enti Dawid ne Israel mpanyimfo furaa atweaatam de kyerɛɛ wɔn ahoyeraw, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuw hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Dawid pagyaa nʼani hunuu sɛ Awurade ɔbɔfoɔ no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼakofena de akyerɛ Yerusalem so. Enti, Dawid ne Israel mpanimfoɔ firaa ayitoma de kyerɛɛ wɔn ahoyera, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na Dawid maa n’ani so na ohuu AWURADE bɔfo no sɛ ogyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afoa a watwe kura ne nsam, na wateɛ Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanyimfo a wofurafura ayitama no de wɔn anim butubutuw fam.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 21:16
15 Referencias Cruzadas  

Na ɔpamm onipa no, na ɔde Kerubim ne ogyaframa afena a ɛdi ahim bɛsii Eden turo no anim apueeɛ fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛde kɔ nkwa dua no ho no.


Na Ahab tee nsɛm yi no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma firaeɛ, na ɔdii abuada, na ɔdaa ayitoma no mu, na n’anim yɛɛ siamoo.


Na Ɔhene Hesekia teeɛ no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu na ɔfiraa ayitoma na ɔsii mu kɔɔ AWURADE fie.


Na Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, bue n’ani na ɔnhunu! Na AWURADE buee aberanteɛ no ani, no ɔhunui, na hwɛ, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam ayɛ bepɔ no so ma atwa Elisa ho ahyia.


Na mɛma Babel hene abasa ayɛ den, na Farao abasa mu ago, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Na mede me nkrantɛ merehyɛ Babel hene nsa, na watene no Misraim asase so;


Na wɔkunkumm no, ɛkaa me nko ara. Na mede m’anim butuu fam, na meteaa mu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, woresɛe Israel nkaeɛ nyinaa wɔ w’abufuhyeɛ a worehwie agu Yerusalem soɔ no mu anaa?


Ɛnna Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam, Israelfoɔ asafo badwa no nyinaa anim.


Na wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! Ɔbarima baako bɛyɛ bɔne na wo bo afu asafo mu no nyinaa?


Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina ɔkwan mu kura nkrantɛ a watwe wɔ ne nsam na afunumu no mane firii kwan no so kɔfaa wiram; na Bileam hwee afunumu no sɛ ɔredane no aba ɔkwan mu.


Ɛnna AWURADE buee Bileam ani, na ɔhunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina ɔkwan mu kura nkrantɛ a watwe wɔ ne nsam, na ɔkoto de n’anim butuu fam tim.


Na ogyaframa no resɔre afiri afɔrebukyia no so akɔ soro no, AWURADE bɔfoɔ no foro faa afɔrebukyia no so gyaframa no mu kɔɔ soro. Na Manoa ne ne yere hwɛe, na wɔde wɔn anim butubutuu fam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios