Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 21:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hiahia me sɛ; ma menhwe AWURADE nsam ɛ, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso sɛ, na onipa nsam na wɔmmma mennhweɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hiahia me sɛ; ma menhwe AWURADE nsam ɛ, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso sɛ, na onipa nsam na wɔmmma mennhweɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Dawid buaa Gad se, “Mewɔ ahohiahia mu. Ma mentɔ Awurade nsam, efisɛ nʼahummɔbɔ no so. Mma me nkɔtɔ nnipa nsam.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Dawid buaa Gad sɛ, “Yei yɛ ahohiahiasɛm. Ma ɛmfiri Awurade nsam, ɛfiri sɛ, nʼahummɔborɔ so. Mma ɛmfiri onipa nsam.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hia me sɛ, ma menhwe AWURADE nsam ɛ, na ne mmɔborohunu dɔɔso sɛ, na onipa nsam na wɔmmma mennhwe.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 21:13
31 Referencias Cruzadas  

Na Nyankopɔn nipa no somfoɔ tuaa nhema sɛ ɔresɔre afiri adie no, na hwɛ, ɛdɔm ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa kuro no ho ahyia. Na n’abɔfra no ka kyerɛɛ no sɛ: Ao, me wura, yɛbɛyɛ dɛn?


Sɛ yɛse: Yɛbɛhyɛne kuro no mu a, ɛnneɛ ɛkɔm wɔ kuro no mu na yɛbɛwuwu hɔ; na sɛ yɛtete ha yi nso a, yɛbɛwuwu; na afei mommra mma yɛnkɔhwɛ Siriafoɔ nsraban no mu, sɛ wɔgye yɛn nkwa a, yɛbɛtena ase, sɛ wɔku yɛn nso a, yɛawu.


Na AWURADE diyifoɔ bi wɔ hɔ a ne din de Oded. Ɔno na ɔfirii adi kɔhyiaa dɔm a wɔreba Samaria no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no abufuo a ɛsɔre tiaa Yuda no nti na ɔde wɔn ahyɛ mo nsa, na mode abohuro kɛseɛ akunkum wɔn.


ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfoɔ nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbaa biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abannwa soɔ a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara baako pɛ na ɛwɔ hɔ, ɛne sɛ wɔku no, gye deɛ ɔhene bɛtene sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena aseɛ no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.


Kɔhyia Yudafoɔ a wɔhu wɔn Susa nyinaa boa ano, na me nti monni mmuada, na monnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bɛdi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara soɔ; na sɛ mewu a, na mawu.


Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne AWURADE, ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ dɔɔso.


Yɛn agyanom anhunu w’anwanwadeɛ Misraim, wɔankae w’adɔeɛ dodoɔ no, na wɔtee atua ɛpo ho, Mmɛwa Po ho.


Wo mmɔborɔhunu dɔɔso, AWURADE, ma mennya nkwa sɛdeɛ w’atemmudeɛ teɛ.


Na wo na fakyɛ wɔ wo fam, na wɔasuro wo.


Israel, ma w’ani nna AWURADE so, n’afam na adɔeɛ wɔ, na ɔgyeɛ a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.


Na me deɛ, menam w’adom bebree so mɛba wo fie, na wo ho suro mu na mɛkoto masɔre makyerɛ w’asɔrefie kronkron no.


Na me deɛ, mebɔ wo, AWURADE, mpaeɛ, adom berɛ mu, Onyankopɔn, w’adɔeɛ kɛseɛ nti, fa wo nkwagyeɛ nokorɛ gye me so.


AWURADE, gye me so, na w’adɔeɛ yɛ, dane w’ani kyerɛ me, sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ.


Na wo, AWURADE, woyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ, wo boasetɔ kyɛ, na w’adɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.


Na wo, AWURADE, woyɛ, na wode kyɛ, na w’adɔeɛ dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ woɔ nyinaa.


Ɔteneneeni bu n’afieboa kra, na abɔnefoɔ ayamyɛ yɛ atirimuɔden.


Wɔma no so si akɔnkɔn kɔsoɛ no si ne sibea, na ɛsi hɔ; ɛntwe ne ho mfiri n’afa; wɔteam frɛ no a, ɔmmua, na ɔntumi nnye obi, n’ahohia mu.


Me bo fuu me man, meguu m’agyapadeɛ ho fi, na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa, woanyi ayamhyehyeɛ ankyerɛ wɔn, nkɔkoraa so mpo womaa wo kɔnnua yɛɛ duru dodo;


Ma ɔbɔnefoɔ nnane ne kwan nnya, na onipa huhuo nnane n’adwene nnya, na ɔnsane mmra AWURADE nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne fakyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.


Brɛ w’ani ase firi soro, na firi wo kronkronyɛ ne w’animuonyam tenabea hɔ hwɛ. Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninneɛ no wɔ? W’ayamhyehyeɛ ne wo mmɔborɔhunu no afiri me ho.


Mɛbɔ AWURADE adɔeɛ a ɛtim hɔ daa, AWURADE ayeyi no, sɛdeɛ AWURADE ne yɛn adie no nyinaa, na maka Israel fie yie pii a ɔde ayɛ wɔn no, sɛdeɛ n’ayamhyehyeɛ ne n’adɔeɛyɛ dodoɔ no teɛ no.


na sɛ ɔhyɛ wo awerɛhoɔ mpo a, ne yam hyehye no, sɛdeɛ n’adɔeɛyɛ dodoɔ no teɛ;


Obi nnim sɛ ebia Onyankopɔn bɛsesa n’adwene wɔ adeɛ wɔrebɛyɛ no ho, na wadane afiri n’abufuhyeɛ no ho, na wansɛe yɛn.


Na ɔbisaa AWURADE sɛ: Ao, AWURADE! ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase soɔ no mekaeɛ nie? Yei ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ meredwane akɔ Tarsis, ɛfiri sɛ menim sɛ wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, wo bo kyɛre fu na w’adɔeɛ dɔɔso, na wosesa w’adwene wɔ mmusuo a wode reba ho.


Hwan na ɔte sɛ wo; Onyankopɔn a wode amumuyɛ kyɛ na wosiane mmarato ho ma w’agyapadeɛ nkaeɛ no? Worensɔ w’abufuo mu daa, na adɔeɛ mmom na wopɛ;


AWURADE, mate wo nka, masuro; O AWURADE, kanyan w’adwuma no wɔ yɛn berɛ yi mu; ɛberɛ yi mu na ma wɔnhunu; w’abufuhyeɛ mu kae mmɔborɔhunu.


Afei me kra ho yera no; na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu! Nanso yei nti na mebaa dɔn yi mu.


Na mehini nnoɔma mmienu yi ntam. Anka mepɛ sɛ metu ha na me ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ ɛno mmom na ɛyɛ pa ara;


Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsa mu hweɛ yɛ hu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios