Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 21:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Sɛ mfeɛ mmiɛnsa kɔm oo, anaa abosome mmiɛnsa dwanee, wɔ w’ahohiahiafoɔ anim a w’atamfo nkrantɛ reto wo oo, anaa AWURADE afena ne asase no so yaredɔm, nnansa a AWURADE bɔfoɔ resɛe nnipa Israel ahyeɛ nyinaa mu oo. Afei hwɛ asɛnkorɔ a memfa mensane menkɔ deɛ ɔsomaa me no hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Sɛ mfeɛ mmiɛnsa kɔm oo, anaa abosome mmiɛnsa dwanee, wɔ w’ahohiahiafoɔ anim a w’atamfo nkrantɛ reto wo oo, anaa AWURADE afena ne asase no so yaredɔm, nnansa a AWURADE bɔfoɔ resɛe nnipa Israel ahyeɛ nyinaa mu oo. Afei hwɛ asɛnkorɔ a memfa mensane menkɔ deɛ ɔsomaa me no hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 mfe abiɛsa a ɔkɔm kɛse bɛba anaa asram abiɛsa a wʼatamfo bekunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano yɛ den yiye a, Awurade bɔfo nam so de ɔsɛe bɛba Israel asase so.’ Afei dwene eyi ho, na ma minhu mmuae ko a memfa nkɔma Awurade.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wopɛ a, yi mfeɛ mmiɛnsa a ɛkɔm kɛseɛ bɛba anaa abosome mmiɛnsa a wʼatamfoɔ bɛkunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano yɛ den yie a, Awurade ɔbɔfoɔ nam so de ɔsɛeɛ bɛba Israel asase so. Dwene yei ho, na ma menhunu mmuaeɛ ko a memfa nkɔma Awurade.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Sɛ mfe abiɛsa ɔkɔm oo, anaa asram abiɛsa aguan w’ahohiafo anim a w’atamfo nkrante reto wo oo, anaa AWURADE afoa ne asase no so yaredɔm nnansa a AWURADE bɔfo resɛe nnipa Israel ahye nyinaa mu oo, afei hwɛ mmuae a memfa mensan menkɔma nea ɔsomaa me no.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 21:12
29 Referencias Cruzadas  

Na ɛkɔm bi baa Dawid berɛ so mfeɛ mmiɛnsa, afe toa afe so. Na Dawid kɔbɔɔ AWURADE anim mpaeɛ. Na AWURADE buaa sɛ: Mogya ho afobuo aba Saulo ne ne fiefoɔ so sɛ ɔkumm Gibeonfoɔ no.


Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Na anadwo no ara AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsra mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, na wɔn nyinaa yɛ awufoɔ afunu.


Na Elisa aka akyerɛ ɔbaa a ɔnyanee ne ba no sɛ: Sɔre kɔ, wo ne wo fie, na kɔyɛ ɔhɔhoɔ baabiara a wobɛtumi, na AWURADE rema ɛkɔm aba, na ɛbɛba asase yi so mfeɛ nson.


Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Fa emu baako:


ɔyaredɔm a ɛnenam sum mu, nsane yadeɛ a ɛsɛe ade awia ketee.


Ɛfiri sɛ AWURADE bɛtwam abobɔ Misraimfoɔ, na sɛ ɔhunu mogya no wɔ aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho a, AWURADE bɛsiane pono no ho, na ɔremma ɔsɛefoɔ no kwan mma ɔmma mo afie mmɛbobɔ mo.


Na ogya na AWURADE de bɛbu atɛn, na ɔde afena ne honam nyinaa adi, na wɔn a AWURADE bɛhwire wɔn mu bɛdɔɔso.


Asɛefoɔ aba anwea pradada so mpampa nyinaa so, na AWURADE afena retwitwa afiri asase ano akɔsi asase ano; asomdwoeɛ nni hɔ mma ɔhonam biara.


ɛnneɛ ɛbɛba sɛ, afena a mosuro no ara bɛto mo wɔ hɔ, Misraim asase no so, na ɛkɔm a mo akoma tu ho no, bɛdi mo akyi Misraim hɔ, na ɛhɔ ara na mobɛwuwuo.


Ao, AWURADE afena, ɛnkɔsi da bɛn ansa na woayɛ komm? Sane kɔhyɛ wo boha mu, home na yɛ dinn ɛ!


Wɔn a wɔtotɔ afena ano deɛ yɛ sene wɔn a wɔtotɔ ɛkɔm ano a afuo mu nnɔbaeɛ a abɔ wɔn nti wɔkusa hyeɛ no.


Na mobɛdi akoradeɛ dada a akyɛre, na mobɛyi adada no agu, afoforɔ no nti.


Na mɛma m’ani asa mo, na moadi mo atamfoɔ anim nkoguo na wɔn a wɔkyiri mo ahyɛ mo so, na obi mpamo mo po a, moadwane.


Na meka no nokorɛ mu, Elia berɛ so a ɔsoro mu too mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia, na ɛkɔm kɛseɛ baa asase no nyinaa soɔ no, akunafoɔ pii wɔ Israel deɛ,


Na amonom hɔ ara na Awurade bɔfoɔ bɛbɔɔ no, ɛfiri sɛ wamfa animuonyam amma Onyankopɔn; na ɔdɔree mmoaa, na ɔwuiɛ.


Nanso ɛbɛba sɛ, sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi ayɛ a, nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛmene wo.


AWURADE de ɛfɔn, ɔfoɛ ne ahuhuro ne ahohyehyeɛ kɛseɛ ne nkrantɛ ne ɔhoɔ ne ɔpoɔ bɛbɔ wo, na ɛbɛti wo de akɔsi sɛ wobɛsɛeɛ.


AWURADE bɛma woadi nkoguo wɔ w’atamfo anim: Wonam ɔkwan koro so bɛfiri akɔhyia wɔn, na wonam akwan nson so adwane wɔn anim, na wɔbɛto wo apete asase so ahennie nyinaa mu.


AWURADE de Misraim mpɔmpɔ ne nsisiiwa ne ntutuiɛ ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ wo.


AWURADE de akuro bɔne bɛbɔ wo wɔ nankoroma ne srɛ so a wɔrentumi nsa mma woɔ firi wo nan ase kɔsi w’atifi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios