Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 20:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔtwitwaa Israel mpoa no, Yonatan a ɔyɛ Dawid nua Sima ba kumm no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na ɔtwitwaa Israel mpoa no, Yonatan a ɔyɛ Dawid nua Sima ba kumm no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 buu Israel animtiaa, twitwaa mpoa. Na Dawid nuabarima Simea babarima Yonatan kum no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 buu Israel animtia, twitwaa mpoa. Na Dawid nuabarima Simea babarima Yonatan kumm no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na otwitwaa Israel mpoa no, Yonatan a ɔyɛ Dawid ne nua Sima ba kum no.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 20:7
9 Referencias Cruzadas  

Na Yisai woo n’abakan Eliab ne Abinadab a ɔtɔ so mmienu ne Sima a ɔtɔ so mmiɛnsa,


Na wɔnyaa ɔko bio wɔ Gat. Na ɔbarima tentene bi wɔ hɔ a ne nsateaa ne ne nansoaa yɛ nsia nsia, ɛyɛ aduonu nnan, na ɔno nso yɛ abrane no asefoɔ no bi.


Yeinom na wɔwoo wɔn maa abrane no wɔ Gat, na wɔtotɔɔ Dawid ne ne nkoa nsa ano.


Na Dawid n’agya nua Yonatan ne ɔfotufoɔ, ɔyɛ ɔbarima nhunumufoɔ, na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ nso. Ɔno ne Hakmoni ba Yehiel na ɔtetee ɔhene mma no.


Hwan na woasopa no na woaya no? Na hwan so na woama wo nne soɔ na wɔama w’ani atra wo ntɔn? Wode atia Israel Kronkronni no.


Na Yisai maa Sama twaa mu. Na ɔse: Oyi nso, AWURADE mfaa no.


Na Filistini no kaa sɛ: Me deɛ, meretwa Israel mpasua poa nnɛ da yi, momma me ɔbarima bi na yɛnko.


Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku Filistini yi na wayi ahohora afiri Israel soɔ no? Na hwan mpo ne Filistini momonoto yi a ɔtwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa yi?


W’akoa akum gyata ne sisire nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu baako, sɛ watwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios