Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 20:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio, na Yair ba Elhanan kumm Gatni Goliat nua Lahmi, a ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio, na Yair ba Elhanan kumm Gatni Goliat nua Lahmi, a ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔko foforo bi a wɔne Filistifo koe no mu no, Yair babarima Elhanan kum Gatni Goliat nuabarima Lahmi. Na Lahmi peaw nsa mu pipiripi te sɛ ntamanwemfo abaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔko foforɔ bi a wɔne Filistifoɔ koeɛ mu no, Yair babarima Elhanan kumm Gatni Goliat nuabarima Lahmi. Na Lahmi pea nsa mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔne Filistifo nyaa ɔko bio, na Yair ba Elhanan kum Gatni Goliat ne nua Lahmi, na ne peaw dua te sɛ ɔtamanwemfo nsadua.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 20:5
7 Referencias Cruzadas  

Na wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio wɔ Gob. Na Betlehemni Yaare-oregim ba Elhanan kumm Gitini Goliat a ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.


Na ɔno ara nso na ɔkɔkumm Misraimni barima bi a ne tentene yɛ basafa mmienu ne fa. Na Misraimni no kura pea a ɛte sɛ ntomanwomfoɔ nsadua wɔ ne nsam, na ɔde poma siane kɔɔ ne nkyɛn, na ɔhwimm Misraimni no nsam pea no de ɔno ara ne pea no kumm no.


Na wɔnyaa ɔko bio wɔ Gat. Na ɔbarima tentene bi wɔ hɔ a ne nsateaa ne ne nansoaa yɛ nsia nsia, ɛyɛ aduonu nnan, na ɔno nso yɛ abrane no asefoɔ no bi.


Na ɔbarima katakyie bi firi Filistifoɔ nsram firii adi, a ne din de Goliat a ɔfiri Gat, na ne tentene yɛ basafa mmiɛnsa ne saama.


Na ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua, na ne pea ti kari dadeɛ nnwetɛbena ahansia; na ɛkyɛmkurani di n’anim.


Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Filistini Goliat a wokum no Ela bonhwa mu no nkrantɛ, hwɛ, ɛno na wɔabobɔ no ntoma mu da asɔfotadeɛ no akyire no, ɛno na wobɛfa a, fa, na foforɔ biara nni ha sɛ ɛno. Na Dawid kaa sɛ: Ebi nte sɛ ɛno, fa ma me!


na ɔbisaa AWURADE maa no, na ɔmaa no akwansoduane, na ɔde Filistini Goliat nkrantɛ no maa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios