Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 19:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Amonfoɔ no hunuu sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Hanun ne Amonfoɔ de dwetɛ dwetikɛseɛ apem soma maa wɔde kɔgyee Mesopotamia ne, Aram-maaka ne Soba nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ adɔm.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Amonfoɔ no hunuu sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Hanun ne Amonfoɔ de dwetɛ dwetikɛseɛ apem soma maa wɔde kɔgyee Mesopotamia ne, Aram-maaka ne Soba nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ adɔm.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Afei, Amonfo huu abufuwtraso a wɔahyɛ Dawid no, Hanun ne Amonfo soma ma wɔde dwetɛ nkaribo ani tɔn aduasa awotwe kogyee nteaseɛnam ne asraafodɔm fii Aram-naharaim, Aram-maaka ne Soba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Afei, Amonfoɔ hunuu abufutrasoɔ a wɔahyɛ Dawid no, Hanun ne Amonfoɔ soma maa wɔde dwetɛ nkariboɔ ani tɔno 38 kɔgyee nteaseɛnam ne akodɔm firii Aram-naharaim, Aram-maaka ne Soba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Amonfo no hui sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Hanun ne Amonfo de dwetɛ dwetikɛse apem soma ma wɔde kogyee Mesopotamia ne Maaka-siria ne Soba nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo adɔm,

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 19:6
21 Referencias Cruzadas  

Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi sɛ: Moaha me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi soɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ. Na me deɛ, meyɛ asafo a mesua yi, wɔbɛboaboa wɔn ano aba me so abɛku me, na wɔasɛe me ne me fie.


Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Dawid bo afu wɔn no, Amonfoɔ no soma maa wɔkɔbobɔɔ Bet-rehob Siriafoɔ ne Soba Siriafoɔ paa, anammɔnmufoɔ mpem aduonu ne Maakahene nnipa apem ne Tob mmarima mpem dummienu.


Dawid kaa Sobahene Rehob ba Hadadeser nso gui, ɛberɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrema ne tumi akɔso Asubɔntene Eufrate ho no mu.


Na Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko baeɛ sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm Siriafoɔ mu nnipa mpemaduonu mmienu.


Na Hamathene Tou tee sɛ Dawid aka Sobahene Hadadeser dɔm nyinaa aguo no,


Na wɔba bɛkaa mmarima no ho asɛm kyerɛɛ Dawid. Ɛnna ɔsoma kɔhyiaa wɔn, ɛfiri sɛ wɔasopa mmarima no pa ara, na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena Yeriko nkɔsi sɛ mo bɔgyesɛ bɛfuo ansa na moasane aba.


Na Israelhene Ahab bisaa Yudahene Yehosafat sɛ: Wo ne me bɛkɔ Ramot-gilead anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mete sɛ wo, na me man te sɛ wo man, me ne wo bɛkɔ ɔsa no.


Ɛnna Israel hene no boaboaa adiyifoɔ no ano hyiaeɛ, nnipa ahanan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko, anaasɛ mennyae? Na wɔse: Foro kɔ, na Onyankopɔn de bɛhyɛ ɔhene nsa.


Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat tete wɔn adwa so, hyehyɛ wɔn ntadeɛ, na wɔtete Samaria pono ano mpraeɛ so. Na adiyifoɔ no nyinaa rehyehyɛ nkɔm, wɔn anim.


Nanso ɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha kɔbɔɔ Israel mu nnipa mpemha a wɔyɛ mmarima a wɔtumi wɔn ho pa ara.


Na ɔno ara na ɔne Amonfoɔ hene kɔkoeɛ, na ɔdii wɔn so tumi. Na Amonfoɔ no maa no dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne ayuo kor mpemdu ne atokoɔ nso mpemdu afe no mu. Amonfoɔ no de nnoɔma bi brɛɛ no afe a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa mu nso.


Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.


Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano, ɔbubu tadua mu na ɔtwitwa pea mu asinasini, ɔde ogya hye nteaseɛnam.


na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhwɛ mo mmu atɛn, sɛ moama yɛn ho abɔn wɔ Farao ne ne nkoa anim, na mode nkrantɛ ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nku yɛn.


Deɛ ɔtie mo no, watie me; na deɛ ɔpa mo no, wapa me. Na deɛ ɔpa me no, wapa deɛ ɔsomaa me no.


Enti deɛ ɔte atua no nte onipa bi so atua, na mmom Onyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ahyɛ mo mu no.


Na Israel nyinaa tee sɛ Saulo aka Filistifoɔ bansifoɔ no agu, ɛne sɛdeɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifoɔ ahi. Na wɔhyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saulo nkyɛn wɔ Gilgal.


Na Saulo dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae, ɔne Moab ne Amonfoɔ ne Edom ne Soba ahemfo ne Filistifoɔ koeɛ; na baabiara a ɔdanee ne ho koeɛ no, ɔdii nim.


Na Akis gyee Dawid diiɛ kaa sɛ: Wama ne ho abɔn ne man Israel pa ara, enti ɔbɛyɛ m’akoa daa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios