Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 19:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na Siriafoɔ no hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, wɔsomaa abɔfoɔ kɔpɔn Siriafoɔ a wɔwɔ asuogya no bae, a Hadadeser sahene Sofak di wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na Siriafoɔ no hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, wɔsomaa abɔfoɔ kɔpɔn Siriafoɔ a wɔwɔ asuogya no bae, a Hadadeser sahene Sofak di wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Aramfo no huu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfo no nti, wɔfrɛɛ Aram asraafodɔm foforo fii Asubɔnten Eufrate ho sɛ wɔmmɛboa. Saa asraafodɔm a wɔhyɛ Sofak a ɔyɛ Hadadeser asraafodɔm nyinaa so sahene ase no bae.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Afei, Aramfoɔ no hunuu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfoɔ enti, wɔfrɛɛ Aram akodɔm foforɔ firii Asubɔnten Eufrate ho sɛ wɔmmɛboa. Saa akodɔm a wɔhyɛ Sofak a ɔyɛ Hadadeser akodɔm nyinaa sahene ase no baeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na Siriafo no hui sɛ wɔagu Israel anim no, wɔsomaa abɔfo kɔpɔn Siriafo a wɔwɔ asuogya no bae, na Hadadeser sahene Sofak di wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 19:16
7 Referencias Cruzadas  

Na Hadadeser soma maa wɔkɔfaa Siriafoɔ a wɔwɔ Eufrate agya no bae, na wɔbaa Helam. Na Hadadeser sahene Sobak dii wɔn anim.


Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Siriafoɔ adi nkoguo no, wɔn nso dwane firii Yoab nua Abisai anim kɔhyɛnee kuro no mu. Na Yoab sane baa Yerusalem.


Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔkɔboaa Israel nyinaa ano kɔtwaa Yordan, na ɔkɔtoo wɔn twaa wɔn so mpasua. Na Dawid yerɛɛ ɛdɔm no mu sɛ ɔrekɔhyia Siriafoɔ no ne wɔn ako, na wɔne no koe.


Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye, na aman susu ade hunu yi?


Aman, monka mo ho mmoa ano, na monnwerɛ ara, asase a ɛwɔ akyirikyiri sofoɔ nyinaa, monyɛ aso, mommia na monnwerɛ, mommia na monnwerɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios