Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 19:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Hyɛ wo ho den, na ma yɛn ho nyɛ den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro, na AWURADE deɛ, deɛ ɔpɛ na ɔnyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Hyɛ wo ho den, na ma yɛn ho nyɛ den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro, na AWURADE deɛ, deɛ ɔpɛ na ɔnyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoduru nko nnye yɛn nkurɔfo ne yɛn Onyankopɔn nkurow. Awurade bɛyɛ nea eye wɔ nʼani so.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoɔduru nko nnye yɛn nkurɔfoɔ ne yɛn Onyankopɔn nkuro. Awurade pɛ nyɛ hɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Hyɛ wo ho den na ma yɛn ho nyɛ den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkurow, na AWURADE de, nea ɔpɛ na ɔnyɛ.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 19:13
18 Referencias Cruzadas  

Hyɛ wo ho den na ma yɛnko sɛ mmarima mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro. Na AWURADE nyɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ.


Na sɛ ɔka sɛ: Mempɛ wo a, hwɛ, menie, ma no nyɛ me sɛdeɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ.


Na ɔkaa sɛ: Sɛ Siriafoɔ yɛ den sene me a, bra bɛboa me, na sɛ Amonfoɔ yɛ den sene wo a, mɛba mabɛboa wo.


Na Yoab ne ɛdɔm a ɛka ne ho no twe pinii Siriafoɔ anim bɛnee wɔn koe, na Siriafoɔ no dii nkoguo wɔ n’anim.


Sɔre, na wo so na asɛm yi da, na yɛn deɛ, yɛdi w’akyi; ma wo ho nyɛ den, na yɛ!


Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na mesee mmakoma ne mpanimfoɔ ne ɔman no nkaeɛ sɛ: Monnsuro wɔn, AWURADE kɛseɛ a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo yerenom ne mo afie.


Yei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn soboɔ.


Ma w’ani nna AWURADE so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, Aane, ma w’ani nna AWURADE so.


Monwɛn, monnyina mo gyidie mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.


Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum, na deɛ wobɛkorɔ nyinaa woadi yie.


Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro, na mo akoma nntu, mo ho nyɛ den na monyɛ nnam. Na saa ara na AWURADE bɛyɛ mo atamfoɔ a mo ne wɔn ko no nyinaa.


Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne; wo deɛ, yɛ yɛn sɛdeɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ nyinaa, gyeɛ nko na gye yɛn nnɛ da yi.


Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Mma ne ho nnyɛ obiara akomatuo; w’akoa bɛkɔ akɔne Filistini yi ako.


Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansi no bi so. Na ɔse: Ɛyɛ AWURADE, deɛ ɛyɛ n’ani soɔ no, ɔnyɛ.


Mo Filistifoɔ, monyɛ den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifoɔ sɛdeɛ wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios