Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 18:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Dawid gyee ne dɔm mu nteaseɛnam apem ne apɔnkɔsotefoɔ mpemnson ne anammɔn mufoɔ mpemaduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ɔgyaa wɔn mu nteaseɛnam ɔha deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na Dawid gyee ne dɔm mu nteaseɛnam apem ne apɔnkɔsotefoɔ mpemnson ne anammɔn mufoɔ mpemaduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ɔgyaa wɔn mu nteaseɛnam ɔha deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Dawid ko gyee nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafo mpem ason ne asraafo anantefo mpem aduonu. Afei, obubuu apɔnkɔ a wɔtwe nteaseɛnam no nyinaa anan, ma ɛkaa ɔha pɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Dawid ko gyee nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne nammɔntwa asraafoɔ ɔpeduonu. Afei, ɔtwitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntini, ma ɛkaa ɔha pɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na Dawid kyeree ne dɔm mu nteaseɛnam apem ne apɔnkɔsotefo mpemnson ne anammɔn mufo ɔpeduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ogyaw wɔn mu nteaseɛnam ɔha de.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 18:4
11 Referencias Cruzadas  

Me kra, nnkɔ wɔn agyina mu, na m’animuonyam nkɔfra wɔn asafo mu. Ɛfiri sɛ wɔn abufuo mu na wɔkum nnipa, na wɔn ahokyerɛ mu na wɔsɛee anantwie.


Na Dawid kyeree wɔn apɔnkɔsotefoɔ no mu apem ahanson ne anammɔnmufoɔ mpem aduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ɔgyaa wɔn mu nteaseɛnam ɔha deɛ.


Na Salomo boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ano, na ɔnyaa nteaseɛnam apem ne ahanan ne apɔnkɔsotefoɔ mpemdumienu, na ɔde wɔn duaduaa nteaseɛnam nkuro mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem.


Na yeinom ne ne mmapɔmma: Sadok ba Ɔsɔfoɔ Asaria;


Na Dawid dii Hadadeser, Soba a ɛhwɛ Hamat no hene so berɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔsi nkaeɛ dum wɔ Eufrate asubɔnten no.


Na Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko baeɛ sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm Siriafoɔ mu nnipa mpemaduonu mmienu.


Ebinom kamfo nteaseɛnam, na ebinom kamfo apɔnkɔ, na yɛn deɛ, yɛkamfo AWURADE yɛn Nyankopɔn din.


Nanso ɔhene no mma n’apɔnkɔ nnnɔɔso, na ɔmmma ɔman no nnsane nnkɔ Misraim nkɔpɛ apɔnkɔ dodoɔ; na AWURADE aka akyerɛ mo sɛ monnsane mmfa ɔkwan yi so bio.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn na ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu, me na mɛma woaku wɔn nyinaa Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hye.


Na Yosua yɛɛ wɔn sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, wɔn apɔnkɔ no, ɔtwitwaa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios