Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 18:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 ɔsomaa ne ba Hadoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo nti, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Tou redi ako. Na ɔkura sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ ahodoɔ nyinaa bae.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 ɔsomaa ne ba Hadoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo nti, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Tou redi ako. Na ɔkura sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ ahodoɔ nyinaa bae.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no mo wɔ ne nkonimdi no ho. Na Hadadeser ne Tou atan wɔn ho akyɛ, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafrae bebree.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no amo wɔ ne nkonimdie no ho. Na Hadadeser ne Tou atane wɔn ho akyɛre, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bebree.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 ɔsomaa ne ba Hadoram baa ɔhene Dawid nkyɛn bekyiaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no agu nti, efisɛ Hadadeser ne Tou di dɔm, na okura sika ne dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow nyinaa bae.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 18:10
6 Referencias Cruzadas  

Toi somaa ne ba Yoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no maa no amo, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Toi di ako. Na Yoram kura dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ de bae.


Ɛnonom nso na Ɔhene Dawid yɛɛ no kronkron maa AWURADE. Na ɔhyiraa dwetɛ ne sika a ɔkɔsoa firii amanaman no nyinaa Edomfoɔ, Moabfoɔ ne Amon mma ne Filistifoɔ ne Amalekfoɔ mu no so.


Na Hamathene Tou tee sɛ Dawid aka Sobahene Hadadeser dɔm nyinaa aguo no,


Na Seba hemmaa tee Salomo nka no, ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Na ɔne asafo yuu pa ne yoma a wɔsoso nnuhwam ne sika pii pa, ne abohene baa Yerusalem. Na ɔduruu Salomo nkyɛn no, ɔne no bɔɔ deɛ ɛwɔ n’akomam nyinaa ho nkɔmmɔ.


Ɛberɛ no mu no, Babelhene Merodak-Baladan a ɔyɛ Baladan ba soma maa wɔde nwoma ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ ɔyaree na ne ho ayɛ no den.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios