Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 17:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 na madi w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mayɛ wo din sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 na madi w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mayɛ wo din sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Baabiara a wokɔe no, mekaa wo ho. Na masɛe wʼatamfo nyinaa. Na afei, mɛma wo din ahyeta wɔ asase so baabiara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Baabiara a wokɔeɛ no, mekaa wo ho. Na masɛe wʼatamfoɔ nyinaa. Na mɛma wɔagye edin wɔ asase yi nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 na madi w’akyi baabiara a wokɔe, na matwitwa w’atamfo nyinaa afi w’anim, na mayɛ wo din sɛ asase so nnipa akɛse din.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 17:8
24 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, mɛdi w’akyi, na mahwɛ wo so baabiara a wobɛkorɔ, na mama woasane aba asase yi so. Na merennya wo de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛma deɛ maka makyerɛ woɔ yi aba mu.


Na da a AWURADE yii Dawid firii n’atamfo nyinaa ne Saulo nsam no, ɔkaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ AWURADE,


Na medii w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mɛma woanya din kɛseɛ sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.


Ɛnna Dawid de bansifoɔ kɔtenaa Damasko a ɛwɔ Siria, na Siria yɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ. Na AWURADE boaa Dawid maa no dii nim wɔ baabiara a ɔkɔeɛ nyinaa.


Na Ɔhene Dawid faa kɔbere mfrafraeɛ pii pa firii Hadadeser nkuro Beta ne Berotai mu.


Na Dawid din hyetae nsase no nyinaa so, na AWURADE maa ne ho hu tɔɔ amanaman no nyinaa so.


Nanso yei yɛ w’ani so ketewa, Onyankopɔn, na woaka daakye a ɛwɔ akyirikyiri ho asɛm, w’akoa fie ho, na woabu me sɛ onipa a ɔwɔ dibea a ɛkɔ soro; O AWURADE Nyankopɔn.


Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Adeɛ biara a ɛwɔ w’akoma mu no yɛ, na Onyankopɔn di w’akyi.


Na afei, ka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ Asafo AWURADE seɛ nie: Me deɛ, mefaa wo firii nnwan adidibea, nnwan no akyi, sɛ bɛyɛ me man Israel so panin,


Na mɛsiesie baabi mama me man Israel, na madua wɔn na wɔatena wɔn afa, na wɔanha wɔn ho bio, na amumuyɛ mma ankɔ so ansɛe wɔn sɛ kane no,


Nanso ahemfo akɛseɛ tenaa Yerusalem, na wɔdii asuogya hɔ nyinaa so, na wɔyii toɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ maa wɔn nso.


Ao, AWURADE, m’ahoɔden, medɔ wo.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Wobɛma me kɛseyɛ adɔ, na woadane w’ani akyekyere me werɛ.


na mmom Onyankopɔn na ɔbu atɛn, ɔbɛbrɛ oyi ase, na wama oyi so.


Watu atumfoɔ afiri wɔn nhennwa so na wapagya ahiafoɔ.


Na Dawid nyaa nkɔsoɔ n’akwan nyinaa mu, na AWURADE dii n’akyi.


Na Saulo hwɛ hunuu sɛ AWURADE di Dawid akyi; na Saulo babaa Mikal dɔɔ no.


Na Dawid kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, gye AWURADE na ɔbɛbɔ no ahwe; sɛ ne da bɛduru na wawu, anaasɛ ɔbɛkɔ ɔsa na apra no akɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios