Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 17:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 ne nna a mehyɛɛ atemmufoɔ sɛ wɔnni me man Israel soɔ no; na mɛbrɛ w’atamfo nyinaa ase. Na meka kyerɛ wo sɛ AWURADE bɛma woanya w’asefoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 ne nna a mehyɛɛ atemmufoɔ sɛ wɔnni me man Israel soɔ no; na mɛbrɛ w’atamfo nyinaa ase. Na meka kyerɛ wo sɛ AWURADE bɛma woanya w’asefoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 fi bere a miyii atemmufo sɛ wonni me nkurɔfo so no. Na mɛka wʼatamfo nyinaa ahyɛ. “ ‘Na merepae mu aka se, Awurade besi fi ama wo, ahenni nnidiso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 firi ɛberɛ a meyii atemmufoɔ sɛ wɔnni me nkurɔfoɔ so no. Na mɛka wʼatamfoɔ nyinaa ahyɛ. “ ‘Na merepae mu aka sɛ, Awurade bɛsi efie ama wo, ahennie nnidisoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 ne nna a mehyɛɛ akannifo no sɛ wonni me man Israel so no; na mɛbrɛ w’atamfo nyinaa ase. Na meka mekyerɛ wo sɛ AWURADE besi ofi ama wo.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 17:10
16 Referencias Cruzadas  

ɛberɛ a mehyɛɛ atemmufoɔ sɛ wɔnni me man Israel soɔ no; na mɛma woahome afiri w’atamfo nyinaa nsam. Na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ AWURADE na ɔbɛkyekyere efie ama woɔ.


Na sɛ wo nna wie du, na woti w’agyanom wɔ asamando a, mɛma w’aseni so wɔ w’akyiri a ɔbɛfiri wo mma mu, na mama n’ahennie atim.


Na mɛsiesie baabi mama me man Israel, na madua wɔn na wɔatena wɔn afa, na wɔanha wɔn ho bio, na amumuyɛ mma ankɔ so ansɛe wɔn sɛ kane no,


AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.


Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wɔsie yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kuro no a, ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa.


Na mɛbubu n’anim ahohiahiafoɔ, na mabobɔ wɔn a wɔtane no.


Na ɛsiane sɛ awogyefoɔ no suro Onyankopɔn nti, ɔmaa wɔn afie mu yɛɛ yie.


Na ɛtwa sɛ ɔdi hene kɔsi sɛ ɔde atamfoɔ no nyinaa bɛhyɛ ne nan ase.


Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfoɔ som Kusan-risataim mfirinhyia nwɔtwe.


Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfoɔ so denden mfeɛ aduonu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios