Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 16:42 - New Revised Asante Twi Bible

42 Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntotorobɛnto ne nsambɔ nnawuro a wɔma no gyegyeɛ, ne nnoɔma a wɔde to Nyankopɔn dwom. Na Yedutun mma deɛ, na wɔwɔ ɛpono ano.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

42 Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntotorobɛnto ne nsambɔ nnawuro a wɔma no gyegyeɛ, ne nnoɔma a wɔde to Nyankopɔn dwom. Na Yedutun mma deɛ, na wɔwɔ ɛpono ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow de gyigyee ayeyi nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na woyii Yedutun mmabarima ma wɔyɛɛ apon ano hwɛfo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ de gyegyee ayɛyie nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na wɔyii Yedutun mmammarima maa wɔyɛɛ apono anohwɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

42 na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntorobɛnto ne nsammɔ nnawuru a wɔma egyigye, ne nneɛma a wɔde to Onyankopɔn dwom. Na Yedutun mma de, wɔwɔ ɔpon ano.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 16:42
8 Referencias Cruzadas  

Na Lewifoɔ no yii Yoel ba Heman ne ne nuanom mu Berekia ba Asaf ne wɔn nuanom Merari mma mu Kusaia ba Etan de wɔn gyinagyinaa hɔ.


Yedutun deɛ: Yedutun mma ne: Gedalia, Seri, Yesaia ne Simei, Hasabia ne Matitia, baasia no hyɛ wɔn agya Yedutun ase, ɔno na ɔkura sankuten, hyɛ nkɔm, de aseda ne ayeyie ma AWURADE.


Na ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwontofoɔ no yɛɛ sɛ ɔbaakofoɔ maa wɔtee ɛnne baako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase), na wɔde ntotorobɛnto ne nnawuro ne nsankuo maa nne so yii AWURADE ayɛ sɛ, “ɔyɛ na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa” no, ɛnna mununkum yɛɛ ɛdan no, AWURADE dan no ma,


Na asɔfoɔ no gyinagyina hɔ, wɔn som nnwuma so, na Lewifoɔ no nso kurakura AWURADE nsankuo a Ɔhene Dawid yɛeɛ sɛ wɔmfa nna AWURADE ase, sɛ n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, berɛ a Dawid nam wɔn so yii AWURADE ayɛ no. Na asɔfoɔ no hyenhyɛnee ntotorobɛnto, wɔn ntentensoɔ, na Israel nyinaa gyinagyina hɔ.


Na wo fie dakorodie yɛ sene nna apem. Mepɛ me Nyankopɔn fie nammɔnnampan mu tena mmom sene sɛ mɛtena abɔnefoɔ ntomadan mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios