Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 16:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho, ma wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akoma ntɔ wɔn yam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho, ma wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akoma ntɔ wɔn yam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya koma mu anigye.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho, wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE koma ntɔ wɔn yam.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 16:10
16 Referencias Cruzadas  

Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyiri kwan, monhwehwɛ n’anim daa daa.


Monto no dwom, monto no ayeyie dwom, monka n’anwanwadeɛ nyinaa.


Afei momfa mo akoma ne mo kra mma, sɛ mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn. Na monsɔre nkɔsi AWURADE Nyankopɔn kronkronbea no, na wɔmfa AWURADE apam adaka no ne Nyankopɔn akronkronneɛ no mmra efie a wɔbɛsi ama AWURADE din no mu.


Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.


Na Yuda nyinaa ani gyee nsuaeɛ no ho, ɛfiri sɛ wɔn akoma nyinaa na wɔde suaeeɛ; na wɔn pɛ nyinaa so na wɔhwehwɛɛ no; na ɔmaa wɔhunuu no, na AWURADE maa wɔn ɔhome afa nyinaa hyiae.


Asase ano ano sofoɔ nyinaa bɛkae adane aba AWURADE nkyɛn, na amanaman mmusuakuo nyinaa abɛkoto n’anim.


AWURADE mu na me kra bɛhoahoa ne ho, ahobrɛasefoɔ bɛte, na wɔn ani agye.


Mo ne me nkamfo AWURADE kɛseyɛ, na momma yɛmmom mma ne din so.


Me deɛ, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.


Ɛnyɛ ahuntaeɛ mu na mekasaeɛ, ɛnyɛ sum asase so baabi; manka mankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ: Monhwehwɛ me basabasa yɛ mu! Mene AWURADE a mekasa nokorɛ mu, meka deɛ ɛtenee.


AWURADE mu na Israel asefoɔ nyinaa bɛdi bem ahyehyɛ wɔn ho.


Na mobɛhwehwɛ me ahu me, ɛfiri sɛ mode mo akoma nyinaa bɛhwehwe m’akyiri kwan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios