Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 14:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Filistifoɔ no ba de bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bonhwa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na Filistifoɔ no ba de bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bonhwa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na Filistifo no abedu Refaim bon asɛe hɔ pasaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na Filistifoɔ no abɛduru Refaim bɔnhwa mu, asɛe hɔ pasaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na Filistifo no bae de bɛyeree Refaim bon mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 14:9
7 Referencias Cruzadas  

Na atitire aduasa no mu baasa siane baa Dawid nkyɛn twaberɛ wɔ Adulam bodan mu. Na Filistifoɔ asafo bi akyere nsraban Refaim bonhwa mu.


Na Filistifoɔ no ba bɛbɔɔ nsraban wɔ Refaim bonhwa mu.


Na atitire aduasa no mu baasa siane kɔɔ ɔbotan no so Dawid nkyɛn, Adulam bodan no mu, na Filistifoɔ dɔm akyere nsraban Refaim bonhwa mu.


Ɛnna Dawid kɔbisaa Onyankopɔn sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so na wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, na mede wɔn bɛhyɛ wo nsa.


Na Filistifoɔ no sane foro baa bio de bɛkyeree nsraban wɔ bonhwa no mu.


Na Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel nyinaa so hene no, Filistifoɔ nyinaa foro baa sɛ wɔrebɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid teeɛ no, ɔfirii adi kɔhyiaa wɔn.


na ɛbɛyɛ sɛ otwafoɔ buma ayuo a ɛsisi hɔ, na ɔde ne nsa twa mmɛtem no; na ɛbɛyɛ sɛ deɛ ɔdi ayuo mmɛtem mu mpɛpɛwa wɔ Refaim bonhwa no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios