1 Berɛsosɛm 14:8 - New Revised Asante Twi Bible8 Na Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel nyinaa so hene no, Filistifoɔ nyinaa foro baa sɛ wɔrebɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid teeɛ no, ɔfirii adi kɔhyiaa wɔn. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron8 Na Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel nyinaa so hene no, Filistifoɔ nyinaa foro baa sɛ wɔrebɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid teeɛ no, ɔfirii adi kɔhyiaa wɔn. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm8 Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so hene no, wɔboaboaa wɔn asraafo nyinaa ano sɛ, wɔrebɛkyere no. Na wɔka kyerɛɛ Dawid se wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima fii kurow no mu kohyiaa wɔn. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm8 Ɛberɛ a Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so ɔhene no, wɔboaboaa wɔn akodɔm nyinaa ano sɛ, wɔrebɛkye no. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima firii kuro no mu kɔhyiaa wɔn. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON8 Na Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel nyinaa so hene no, Filistifo nyinaa foro bae sɛ wɔbɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid tee no, ofii adi kohyiaa wɔn. Ver Capítulo |