Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 14:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na wɔforo baa Baal-perasim. Na Dawid kunkumm wɔn wɔ hɔ. Na Dawid kaa sɛ: Onyankopɔn apae m’atamfoɔ mu me nsam, sɛ nsuo mu paeɛ no. Enti wɔfrɛɛ hɔ: Baal-perasim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na wɔforo baa Baal-perasim. Na Dawid kunkumm wɔn wɔ hɔ. Na Dawid kaa sɛ: Onyankopɔn apae m’atamfoɔ mu me nsam, sɛ nsuo mu paeɛ no. Enti wɔfrɛɛ hɔ: Baal-perasim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Enti Dawid ne nʼakofo kɔɔ Baal-Perasim kodii Filistifo no so wɔ hɔ. Dawid teɛɛ mu se, “Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfo mu te sɛ, nsuyiri a ano yɛ den.” Enti, wɔtoo beae hɔ din Baal-Perasim (a nkyerɛase ne sɛ “Awurade a ɔbɔ wura mu”).

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Enti, Dawid ne nʼakodɔm kɔɔ Baal-Perasim kɔdii Filistifoɔ no so wɔ hɔ. Dawid teaam sɛ, “Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfoɔ mu te sɛ nsuyire a ano yɛ den.” Enti, wɔtoo beaeɛ hɔ edin Baal-Perasim (a asekyerɛ ne sɛ “Awurade a ɔbɔ wura mu”).

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na wɔforo baa Baal-perasim. Na Dawid kunkum wɔn wɔ hɔ. Na Dawid kae sɛ: Onyankopɔn apae m’atamfo mu me nsam, sɛ nsu mu pae no. Enti wɔfrɛɛ hɔ: Baal-perasim

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 14:11
11 Referencias Cruzadas  

Na Dawid kɔɔ Baal-perasim, na Dawid kunkumm wɔn hɔ, na ɔkaa sɛ: AWURADE apae m’atamfoɔ mu m’anim sɛdeɛ wɔpae nsuo mu no. Enti ɔfrɛɛ hɔ sɛ Baal-perasim.


Ɛnna Dawid kɔbisaa Onyankopɔn sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so na wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, na mede wɔn bɛhyɛ wo nsa.


Na wɔgyigyaa wɔn anyame wɔ hɔ. Na Dawid ka maa wɔde ogya hyeeɛ.


Wɔba sɛ obuba a emu trɛ, wɔnam huuyɛ no mu munimuni ba.


Nhyira ne AWURADE, me botan a ɔkyerɛkyerɛ me nsa ɔsa ne me nsateaa akodie.


sɛ wo na wode nkwagyeɛ ma ahemfo, na wogyee w’akoa Dawid firii afena a ɛnyɛ ano.


Na ɛnyɛ wɔn ara afena na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na ɛgyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, ɛfiri sɛ wopɛ wɔn.


Na nsuo no sanee akyire bɛkataa Farao dɔm, nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ a wɔtii wɔn baa ɛpo no mu no nyinaa so, wɔn mu baako mpo anka.


Na AWURADE bɛsɔre sɛdeɛ ɔyɛɛ no Perasim bepɔ soɔ no, na ne bo ahuru sɛdeɛ ɛyɛe wɔ Gibeon bonhwa mu no, na wayɛ n’adeɛ bi a ɛyɛ anwanwadeɛ, na wayɛ n’adwuma bi a ɛyɛ anwanwa dwuma no.


Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ɛbui, na ɛbubuu pasapasa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios