Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 14:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛnna Dawid kɔbisaa Onyankopɔn sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so na wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, na mede wɔn bɛhyɛ wo nsa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Ɛnna Dawid kɔbisaa Onyankopɔn sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so na wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, na mede wɔn bɛhyɛ wo nsa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Enti Dawid bisaa Onyankopɔn se, “Mimpue na me ne Filistifo no nkɔko? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa ana?” Awurade buae se, “Yiw, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Enti, Dawid bisaa Onyankopɔn sɛ, “Mempue na me ne Filistifoɔ no nkɔko? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa?” Awurade buaa sɛ, “Aane, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Ɛnna Dawid kobisaa Onyankopɔn sɛ: So menkɔ Filistifo no ho na wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, na mede wɔn mɛhyɛ wo nsa.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 14:10
14 Referencias Cruzadas  

Na yei akyiri no Dawid bisaa AWURADE sɛ: Memforo nkɔ Yuda nkuro bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kaa sɛ: Ɛhe na memforo nkɔ? Na ɔse: Hebron.


Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so anaa? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na mede Filistifoɔ no bɛhyɛ wo nsa ampa.


Na Dawid bisaa AWURADE no, ɔkaa sɛ: Nkɔ! Dane wo ho kɔsi wɔn akyi, na fa baka nnua no ntentensoɔ bra wɔn so.


Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifoɔ no ano, wɔbɛyɛ mmarima ahanan, na ɔbisaa wɔn sɛ: Menkɔ Ramot-gilead menkɔko anaasɛ mennyae? Na wɔkaa sɛ: Foro kɔ, na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa.


na yɛmfa yɛn Nyankopɔn adaka no ntwam mmra yɛn nkyɛn. Na Saulo berɛ so no, yɛammisa akyiri kwan.


Na wɔforo baa Baal-perasim. Na Dawid kunkumm wɔn wɔ hɔ. Na Dawid kaa sɛ: Onyankopɔn apae m’atamfoɔ mu me nsam, sɛ nsuo mu paeɛ no. Enti wɔfrɛɛ hɔ: Baal-perasim.


Na Dawid bisaa Onyankopɔn bio, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Nkɔ nkɔdi wɔn akyi, dane firi wɔn ho, na fa baka nnua no ntentensoɔ bra wɔn so.


Na Filistifoɔ no ba de bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bonhwa mu.


Fa w’akwan nyinaa hyɛ ne nsa, na ɔno na ɔbɛtene w’akwan.


Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menti ɛdɔm yi anaa? Mɛto wɔn? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ti wɔn, na wobɛto wɔn, na gyeɛ nso wobɛgye.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios