1 Berɛsosɛm 13:8 - New Revised Asante Twi Bible8 Na Dawid ne Israel nyinaa goroe, Nyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asankuo ne mmɛnta ne mpintin ne nnawuro ne ntotorobɛnto. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron8 Na Dawid ne Israel nyinaa goroe, Nyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asankuo ne mmɛnta ne mpintin ne nnawuro ne ntotorobɛnto. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm8 Dawid ne Israelfo nyinaa fii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahorow a bi yɛ asanku, mmɛnta, akasae, nnawuru ne ntorobɛnto dii ahurusi, Onyankopɔn anim. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm8 Dawid ne Israelfoɔ nyinaa firii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahodoɔ a ebi yɛ asankuo, mmɛnta, mpintin, nnawuro ne ntotorobɛnto dii ahurisie wɔ Onyankopɔn anim. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON8 Na Dawid ne Israel nyinaa gorui Onyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asanku ne mmɛnta asanku ne mpintin ne nnawuru ne ntorobɛnto. Ver Capítulo |