Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 13:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Dawid ne apem apem ne ɔha ha so asafohene ne mmapɔmma no nyinaa kɔɔ agyina,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Dawid ne apem apem ne ɔha ha so asafohene ne mmapɔmma no nyinaa kɔɔ agyina,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Dawid ne ne mpanyimfo a nʼasraafo so asahene ne mmapɔmma nyinaa ka ho, tuu agyina.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Dawid ne ne mpanimfoɔ a nʼasraafoɔ asahene ne mmapɔmma nyinaa ka ho, tuu agyina.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Dawid ne apem apem ne ɔha ha so asafohene ne mmapɔmma no nyinaa kɔɔ agyina,

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 13:1
12 Referencias Cruzadas  

Na Dawid sane hyiahyiaa Israel mmarima a wɔayi wɔn nyinaa bio, wɔn ano si mpem aduasa.


Na ɔhene no soma maa wɔkɔboaboaa Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa ano baa ne nkyɛn.


Yeinom firi Gad mma mu, wɔyɛ dɔm no mu atitire. Ɔbaako, akumaa koraa bɛtumi ɔha, na ɔkɛseɛ bɛtumi apem.


Na ɔsii mu kɔɔ Siklag no, Manase mu binom wae bɛdɔm no: Adna ne Yosabad ne Yediael ne Mikael ne Yosabad ne Elihu ne Siletai, Manase mpem mpem so atitire.


Isakar mma mu nnipa a wɔyɛ mmerɛ mu nhunumufoɔ sɛ wɔbɛhunu deɛ ɛsɛ sɛ Israel yɛ no, wɔn mu atitire ahanu, na wɔn nuanom nyinaa tiee wɔn.


Na wɔn a wɔbɛn wɔn de kɔsi Isakar ne Sebulon ne Naftali no nso de aduane bae, mfunumu ne yoma ne mfunumupɔnkɔ ne anantwie so, esiam aduane ne borɔdɔma taterɛ ne bobe aba a wɔahata ne nsa ne ngo ne anantwie ne nnwan pii pa, na anigyeɛ baa Israel.


na Dawid ka kyerɛɛ Israel badwa no nyinaa sɛ: Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so na ɛfiri AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛmmu mu nsoma mma wɔnkɔ yɛn nuanom a wɔaka Israel nsase nyinaa soɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkuro mu no nkyɛn, na wɔmmoaboa wɔn ano mmra yɛn nkyɛn,


Na Salomo kasa kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne atemmufoɔ ne Israel nyinaa so mmapɔmma a wɔyɛ agyanom atitire no nyinaa.


Ɛnna Ɔhene Hesekia tuaa nhema boaboaa kuro no mmapɔmma no ano, na ɔforo kɔɔ AWURADE fie.


Wɔkwati agyinakorɔ a, tirimbɔ yɛ ɔkwa, na agyinatufoɔ pii mu na ɛbɛgyina.


Na ntɛm ara deɛ ɔnyaa talente nnum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma na ɔnyaa ho talente nnum.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios