Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 12:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na Gadfoɔ mu nnipa a wɔtee wɔn ho baa Dawid nkyɛn ɛserɛ so atenaeɛ no mu, nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho, na wɔyɛ akofoɔ a wɔkura kyɛm ne pea, na wɔn anim te sɛ agyata anim, na wɔn ho yɛ hare sɛ mmepɔ so adowa nie:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na Gadfoɔ mu nnipa a wɔtee wɔn ho baa Dawid nkyɛn ɛserɛ so atenaeɛ no mu, nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho, na wɔyɛ akofoɔ a wɔkura kyɛm ne pea, na wɔn anim te sɛ agyata anim, na wɔn ho yɛ hare sɛ mmepɔ so adowa nie:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Gadfo akofo akokodurufo bi a wɔakwadaw akodi mu guan kɔɔ Dawid afa bere a na ɔwɔ aguaabɔ mu wɔ sare so no. Na wɔyɛ nimdefo wɔ nkatabo ne peaw akodi mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔw so atwe.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Gadfoɔ akofoɔ akokoɔdurufoɔ bi a wɔakwadare akodie mu dwane kɔɔ Dawid afa ɛberɛ a na ɔwɔ abanbɔeɛ mu wɔ ɛserɛ no so. Na wɔyɛ anintini wɔ nkataboɔ ne pea akodie mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔ so atwe.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na Gadfo mu nnipa a wɔtew wɔn ho baa Dawid nkyɛn sare so atenae no mu, nnɔmmarima a wotumi na wɔyɛ akofofo a wokura kyɛm ne peaw, na wɔn anim te sɛ agyata anim, na wɔn ho yɛ hare sɛ mmepɔw so adowa ni:

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 12:8
17 Referencias Cruzadas  

Saulo ne Yonatan, wɔyɛ adɔfoɔ ne ahoɔfɛfoɔ. Wɔn nkwa mu ne wɔn wuo mu nso wɔanni ntetemu. Wɔn ho yɛ hare sene akɔdeɛ, wɔn ho yɛ den sene agyata.


Na deɛ ɔyɛ ɔbarima na n’akoma te sɛ gyata akoma mpo, ehu nti, ɔbɛhodwo. Na Israel nyinaa nim sɛ w’agya yɛ dɔmmarima na wɔn a wɔka ne ho nso yɛ akofoɔ.


Na Seruia mma baasa, Yoab, Abisai ne Asahel wɔ hɔ. Na Asahel nan ase yɛ hare sɛ wiram ɔtwe.


Na Yehoiada ɔbarima a ɔfiri Kabseel a ɔyɛ mmaninneɛ a ɛso no ba Benaia kumm Moab gyatasɛefoɔ baanu; na ɔno nso siane kɔkum gyata wɔ abura mu, sukyerɛmma da bi;


Nso ɛberɛ no mu, na Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ no mu, na Filistifoɔ bansifoɔ wɔ Betlehem.


Yehoiada ba Benaia yɛ ɔbarima katakyie a ɔfiri Kabseel a ɔyɛɛ nnoɔma akɛseɛ. Ɔno na ɔkum Moabni Ariel mma baanu no. Na ɔno nso na ɔsiane kɔkum gyata, abura bi mu, da bi a sukyerɛmma atɔ.


Na Benyamin ne Yuda mma mu binom nso baa Dawid nkyɛn atenaeɛ no mu hɔ.


ne Yoela ne Sebadia, Yeroham mma a wɔfiri Gedor.


Eser di wɔn panin, Obadia di hɔ, Eliab tɔ so mmiɛnsa,


Na Amasia boaboaa Yuda ano hyiae, na wɔde wɔn gyinagyinae, mpanimfie so ne mpem mpem so asafohene, ne ɔha ha so asafohene so, Yuda ne Benyamin nyinaa mu, na ɔkanee wɔn firi wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire so. Na ɔhunuu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa a wɔayi wɔn mpemahasa a wɔtumi ɔsatuo kura mpea ne akyɛm.


Abɔnefoɔ dwane berɛ a obi mpamo wɔn, na teneneefoɔ deɛ, wɔyɛ nnam sɛ gyataburuwa.


Yi wo ho sɛ adowa firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam, sɛ anomaa firi fidisumfoɔ nsam.


Fa ntɛm dwane, me dɔfoɔ, na yɛ wo ho sɛ ɔtwe anaa ɔforoteburuwa, wɔ nnuhwam mmepɔ so.


Montenatena apɔnkɔ so, na nteaseɛnam ntu yirididi na nnɔmmarima no mfiri adi, Etiopia ne Put, akyɛmkurafoɔ no ne Lidiafoɔ a wɔkura tadua pono mu no.


Na Dawid kɔtenaa ɛserɛ so bepɔ so atenaeɛ ahodoɔ no mu; na ɔtenaa bepɔ bi so Sif serɛ so. Na Saulo hwehwɛɛ no da biara; nanso Onyankopɔn amfa no anhyɛ ne nsa.


Na Dawid firi hɔ foro kɔtenaa En-gedi bepɔ so atenaeɛ mu.


Na Dawid kaa Saulo ntam no. Na Saulo sii mu kɔɔ fie; na Dawid ne ne nnipa no foro kɔɔ bepɔ so atenaeɛ no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios