Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 12:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na Benyamin ne Yuda mma mu binom nso baa Dawid nkyɛn atenaeɛ no mu hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na Benyamin ne Yuda mma mu binom nso baa Dawid nkyɛn atenaeɛ no mu hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Afoforo a wofi Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ hintabea hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Afoforɔ a wɔfiri Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ abanbɔeɛ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na Benyamin ne Yuda mma mu binom nso baa Dawid nkyɛn atenae no mu hɔ.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 12:16
8 Referencias Cruzadas  

Nso ɛberɛ no mu no, na Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ no mu, na Filistifoɔ bansifoɔ wɔ Betlehem.


Yeinom ne wɔn a wɔtwaa Yordan, bosome a ɛdi kan no mu, berɛ a na ayiri asram ne nsunoa nyinaa so no, na wɔkaa mmonhwa no mufoɔ nyinaa guiɛ, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam.


Na Dawid firii adi baa wɔn anim na ɔbua see wɔn sɛ: Sɛ asomdwoeɛ so na moreba me nkyɛn, sɛ morebɛboa me a, ɛnneɛ mɛnya mo ho akoma pa sɛ yɛbɛyɛ baako. Na sɛ moreba abɛyi me ama m’atamfoɔ, nanso amumuyɛ biara nni me nsam yi, ɛnneɛ yɛn agyanom Nyankopɔn bɛhwɛ na wabu atɛn.


Na Gadfoɔ mu nnipa a wɔtee wɔn ho baa Dawid nkyɛn ɛserɛ so atenaeɛ no mu, nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho, na wɔyɛ akofoɔ a wɔkura kyɛm ne pea, na wɔn anim te sɛ agyata anim, na wɔn ho yɛ hare sɛ mmepɔ so adowa nie:


Benyamin akumaa, wɔn sodifoɔ, wɔ hɔ, Yuda atitire, wɔn asafohene ahodoɔ, Sebulon atitire ne Naftali atitire wɔ hɔ.


na wɔn a wɔso adaka no duruu Yordan ano, na asɔfoɔ a wɔso adaka no nan sii nsuo no mu ara pɛ, (nso na Yordan yiri kata ne nsunoa nyinaa ayutwaberɛ nna nyinaa),


Na ɔgyaa wɔn Moabhene no nkyɛn, na wɔtenaa ne nkyɛn nna a Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ hɔ nyinaa.


Na Saulo ka kyerɛɛ n’asomfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: Mo Benyaminfoɔ, montie! Yisai ba no nso bɛmema mo nyinaa mfuo ne bobe nturo na ɔde mo nyinaa asisi mpempem so asafohene ne ɔha ha so asafohene?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios