1 Berɛsosɛm 11:11 - New Revised Asante Twi Bible11 Na yeinom ne nnɔmmarima a na Dawid wɔ no dodoɔ: Hakmonini Yasobeam, ɔdi akunini tire, ɔno na ɔde ne pea kumm nnipa ahasa prɛko pɛ. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron11 Na yeinom ne nnɔmmarima a na Dawid wɔ no dodoɔ: Hakmonini Yasobeam, ɔdi akunini tire, ɔno na ɔde ne pea kumm nnipa ahasa prɛko pɛ. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm11 Dawid dɔmmarima no ho nsɛm ni: Nea odi kan no ne Yasobeam a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ dɔmmarima akatakyi a na wɔwɔ Dawid asraafo mu. Bere bi ɔde ne peaw kunkum atamfo ahaasa wɔ akodi baako mu. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm11 Dawid nnɔmmarima no ho nsɛm nie: Deɛ ɔdi ɛkan no ne Yasobeam, a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ nnɔmmarima akatakyie a na wɔwɔ Dawid asraafoɔ mu. Ɛberɛ bi, ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ ahasa wɔ akodie baako mu. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON11 Na eyinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no dodow: Hakmonini Yasobeam, odi akunini no ti, ɔno na ɔde ne peaw kunkum nnipa ahasa prɛko. Ver Capítulo |