Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Ahene 3:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Salomo nam n’agya Dawid ahyɛdeɛ no mu dɔ AWURADE, nanso ɔbɔ afɔdeɛ na ɔhye aduhwam sorɔnsorɔmmea no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na Salomo nam n’agya Dawid ahyɛdeɛ no mu dɔ AWURADE, nanso ɔbɔ afɔdeɛ na ɔhye aduhwam sorɔnsorɔmmea no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Salomo kyerɛɛ ne dɔ a ɔwɔ ma Awurade, efisɛ na ɔnam nʼagya Dawid nkyerɛkyerɛ anammɔn so pɛpɛɛpɛ. Mmom na ɔbɔ afɔre wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, hyew aduhuam wɔ hɔ nso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Salomo kyerɛɛ ne dɔ a ɔwɔ maa Awurade, ɛfiri sɛ, na ɔnam nʼagya Dawid nkyerɛkyerɛ anammɔn so pɛpɛɛpɛ. Mmom na ɔbɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, hye aduhwam wɔ hɔ nso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na Solomon nam n’agya Dawid ahyɛde no mu dɔ AWURADE, nanso ɔbɔ afɔre na ɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea no so.

Ver Capítulo Copiar




1 Ahene 3:3
51 Referencias Cruzadas  

Nanso merennye ne nsam ahennie no nyinaa, na m’akoa Dawid a mafa no a ɔdii me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ soɔ no nti, mɛsi no ɔman so panin ne nkwa nna nyinaa.


Na sɛ wotie deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa na wonante m’akwan so na woyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, sɛ wobɛdi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ m’akoa Dawid yɛeɛ no a, ɛnneɛ mɛdi w’akyi na masi efie a ɛtim hɔ mama wo; sɛdeɛ mesi memaa Dawid no, na mede Israel mama wo.


Na ɛbaa sɛ, Salomo nkɔkoraa berɛ mu no, ne yerenom danee n’akoma kɔdii anyame foforɔ akyi, na n’akoma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn ho sɛ n’agya Dawid akoma.


Na Salomo yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wantumi anni AWURADE akyiri sɛ n’agya Dawid.


Na wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea ne adum ne abosompɔ nkokoɔ sorɔnsorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase fae.


na metee ahennie no mefirii Dawid fie de maa woɔ, nanso woanyɛ sɛ m’akoa Dawid a ɔdii me mmara nsɛm soɔ, na ɔde n’akoma nyinaa dii m’akyire sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ no nko,


Na Asa yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid.


Na sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi, nanso Asa akoma dii mu AWURADE anim ne nna nyinaa.


Na ɔnantee n’agya bɔne a ɔyɛ dii n’anim nyinaa mu, na n’akoma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn anim sɛ n’agya Dawid akoma.


ɛfiri sɛ Dawid yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na wammane amfiri biribiara a ɔhyɛɛ no ho, ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria asɛm no nko ara mu.


Na ɔfaa n’agya Asa kwan nyinaa so, wammane amfiri ho, na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so; gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyiyie, ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea hɔ.


Na asomdwoeɛ bɛdaa Yehosafat ne Israel hene ntam.


Na sɛ wonante m’akwan mu na wodi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm so sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ a, mɛma wo nna aware.


Na Salomo se: Wo na woyɛɛ w’akoa m’agya Dawid adɔeɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɔnantee w’anim nokorɛ ne tenenee mu, ne wo ho akoma mu teeyɛ mu, na wode adɔeɛ kɛseɛ yi asie ama no, na woama no ɔba a ɔte n’adwa soɔ, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, kora deɛ woaka akyerɛ w’akoa m’agya Dawid so no ma no, sɛdeɛ wokaa sɛ: Wɔremma onipa a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ mmmɔ no wo m’anim, hwɛ nko na wo mma nhwɛ wɔn kwan, sɛ wɔbɛnante m’anim sɛdeɛ wonantee m’anim no.


Na momma mo akoma nni mu AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ mobɛnante n’ahyɛdeɛ soɔ, na moadi ne mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Na wo deɛ, sɛ wonante m’anim sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ no, akoma mu pɛyɛ ne tee mu, sɛ wobɛyɛ sɛdeɛ mahyɛ woɔ nyinaa, na woadi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so a,


Nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi; na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea no so.


Na Yehoas ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: Akronkronneɛ sika a wɔde ba AWURADE fie nyinaa ne obiara kra tiri sika sɛ wɔbɔ no boɔ no, ne sika biara nso a ɛba obi akoma mu sɛ ɔde bɛba AWURADE fie no,


Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, nanso na ɛnte sɛ n’agya Dawid; sɛdeɛ n’agya Yoas yɛeɛ no nyinaa na ɔno nso yɛeɛ,


nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wɔanyi. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea no so.


gye sorɔnsorɔmmea na wanyiyie, na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee nnuhwam wɔ so. Ɔno na ɔsii AWURADE fie pono a ɛkorɔn no.


gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyie; na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam wɔ sorɔnsorɔmmea no so.


Na sɛ moka kyerɛ me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho toɔ a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔrebukyia, na wase Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem yi anim na monsɔreɛ?


Ɔyiyii sorɔnsorɔmmea no, na ɔbubuu adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no guiɛ, na ɔbubuu kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ a Mose yɛeɛ no; ɛfiri sɛ saa berɛ no, na Israelfoɔ hye aduhwam ma no, na wɔfrɛ no Nehustan.


Na sorɔnsorɔmmea no deɛ, wɔanyi amfiri Israel. Nanso Asa akoma dii mu ne nna nyinaa mu.


AWURADE hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefoɔ nyinaa deɛ, ɔbɛsɛe wɔn.


Monnɔ AWURADE, mo a moyɛ n’ahotefoɔ nyinaa. AWURADE hwɛ wɔn a wɔdi nokorɛ so, na ɔtua deɛ ɔdi ahantansɛm no ka ma no boro so.


na ama Israelfoɔ de wɔn afɔdeɛ a wɔkum wɔ ɛserɛ soɔ no abrɛ asɔfoɔ no ama wɔde abrɛ AWURADE wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔakum abɔ AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ.


Na ɔsee no sɛ: Dɔ Awurade wo Nyankopɔn w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!


Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so!


Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.


Na yɛnim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, adeɛ nyinaa di boa wɔn ma no wie wɔn yie, wɔn a wɔnam ne tirimbɔ no so afrɛ wɔn no.


Na obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no.


Na afei, Israel, ɛdeɛn na AWURADE wo Nyankopɔn repɛ no wo nkyɛn? Ɛne sɛ wobɛsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wonante n’akwan nyinaa soɔ, na woadɔ no, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa asom AWURADE wo Nyankopɔn,


na woadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi soɔ, na asi wo yie.


Na sɛ motie me mmara nsɛm a mede merema mo nnɛ yi, sɛ mode mo akoma nyinaa bɛdɔ AWURADE mo Nyankopɔn na moasom no a,


na merehyɛ wo nnɛ sɛ: Dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, nante n’akwan so, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ so, na woanya nkwa, na woadɔre, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, asase a worekɔ so akɔdi soɔ no so.


na dɔ AWURADE wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, ɛfiri sɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodoɔ, na woatena asase a AWURADE kaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.


Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo ne w’asefoɔ akoma a ɛdwoɔ, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.


Na fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn.


Nhyira ne onipa a ɔto ne bo ase wɔ sɔhwɛ mu. Na sɛ ɔnya firi mu fi tɔtorɔtɔɔ a, ɔbɛnya nkwa abotire a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ.


Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?


Na wɔbuaa wɔn sɛ: Ɔwɔ hɔ, hwɛ, ɔwɔ w’anim ha yi ara. Yɛ ntɛm, na ɛnnɛ waba kuro no mu, na ɔman no bɔ afɔdeɛ nnɛ, sorɔnsorɔnbea hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios