Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Ahene 2:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Me deɛ, mereti nananom wɔ asamando: Enti yɛ den na yɛ ɔbarima;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Me deɛ, mereti nananom wɔ asamando: Enti yɛ den na yɛ ɔbarima;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Merekɔ faako a ɛsɛ sɛ da bi ɔteasefo biara kɔ, enti yɛ den na kyerɛ wo mmaninyɛ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Merekɔ baabi a ɛsɛ sɛ da bi ɔteasefoɔ biara kɔ, enti yɛ den na kyerɛ wo mmaninyɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Me de, merekɔ asase sofo nyinaa kwan: Enti yɛ den na yɛ ɔbarima.

Ver Capítulo Copiar




1 Ahene 2:2
21 Referencias Cruzadas  

Hyɛ wo ho den na ma yɛnko sɛ mmarima mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro. Na AWURADE nyɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ.


na afei wanya awu; adɛn nti na menni abuada? Mɛtumi masane de no aba bio anaa? Me na mɛkɔ ne nkyɛn, na ɔno deɛ, ɔrensane mma me nkyɛn.


Na afei, ao AWURADE me Nyankopɔn, wo na woasi w’akoa ɔhene asi m’agya Dawid ananmu, na me deɛ, meyɛ abɔfra ketewa, mennim adifire ne emuba.


Sɛ wohwɛ wo ho sɛ wobɛdi ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE hyɛɛ Mose Israel ho no so a, ɛnneɛ wobɛyɛ prɔmprɔm. Hyɛ wo ho den na pirim w’anim. Nsuro anaasɛ mma w’akoma nntu.


Sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ no nni ano. Sɔre na yɛ, na AWURADE nni w’akyi.


Afei hwɛ sɛ AWURADE ayi wo sɛ si efie a ɛbɛyɛ kronkronbea; hyɛ wo ho den na yɛ!


Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Hyɛ wo ho den na mia w’ani, na yɛ, nsuro na mma w’akoma nntu, na AWURADE Nyankopɔn, me Nyankopɔn no, di w’akyi. Ɔrempa wo, na ɔrennya wo de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛwie AWURADE fie som adwuma no nyinaa.


Na mfeɛ a ɛwɔ ano no bɛdu na makɔ kwan a merensane memma.


Na menim sɛ wode me bɛsane ama owuo ne efie a ateasefoɔ hyia mu no.


Ɔdasani bɛn na ɔte ase a ɔrenhunu owuo, na ɔbɛyi ne kra afiri Asamando nsam?


Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na yei ne nnipa nyinaa asɛdeɛ.


Monwɛn, monnyina mo gyidie mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.


Deɛ ɛdi akyire no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.


Na AWURADE hyɛɛ Nun ba Yosua sɛ: Yɛ den na yɛ nnam; na wo na wode Israelfoɔ bɛkɔ asase a mekaa wɔn ɛho ntam no soɔ: Na mɛdi w’akyi.


Mma obi mmmu wo aberanteɛ a woyɛ no animtiaa, na mmom yɛ agyidifoɔ nhwɛsoɔ ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidie mu, ahoteɛ mu.


Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu!


Na sɛdeɛ ɛda hɔ ma nnipa sɛ wɔbɛwu prɛko na ɛno akyi atemmuo bɛba no,


Na hwɛ, me deɛ, ɛnnɛ merekɔ asase sofoɔ nyinaa kwan; na monhunu mo akoma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ asɛm baako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a AWURADE mo Nyankopɔn kaa no wɔ mo ho no nyinaa mu, ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm baako mpo antɔ fam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios