Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Ahene 1:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ababaa no ho yɛ fɛ pa ara, na ɔyɛɛ ɔhene hwɛfoɔ na ɔsomm no. Nanso ɔhene ne no anna.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na ababaa no ho yɛ fɛ pa ara, na ɔyɛɛ ɔhene hwɛfoɔ na ɔsomm no. Nanso ɔhene ne no anna.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na ɔyɛ ɔbabea hoɔfɛfo, na ɔno na ɔbɛhwɛɛ ɔhene. Nanso ɔhene no amfa ne ho anka no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na ɔyɛ abaayewa hoɔfɛfoɔ, na ɔno na ɔbɛhwɛɛ ɔhene. Nanso, na ɔhene no ne no nni nna mu ayɔnkofa biara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na ababaa no ho yɛ fɛ pa ara, na ɔyɛɛ ɔhene hwɛfo na ɔsom no. Nanso ɔhene ne no anna.

Ver Capítulo Copiar




1 Ahene 1:4
6 Referencias Cruzadas  

Na ɔreyɛ aduru Misraim asase soɔ no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: Hwɛ, menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ,


Ɛnna wɔkɔhwehwɛɛ ababaa hoɔfɛfoɔ bi Israel ahyeɛ nyinaa mu, na wɔkɔhunuu Sunamni Abisag, na wɔde no brɛɛ ɔhene.


Na Hagit ba Adoniya maa ne ho so kaa sɛ: Me na mɛdi hene. Na ɔsiesiee nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne mmarima aduonum a wɔbɛbɔ ne ho ban.


Na ɔse: Mesrɛ wo, ka kyerɛ Ɔhene Salomo, na ɔrenkame wo, na ɔmfa Sunamni Abisag mma me aware.


Na ɔse: Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nua Adoniya awareɛ.


Na Yosef ne no anhyia mu de kɔsii da a ɔwoo ɔbabanin; na ɔtoo ne din Yesu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios