Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Ahene 1:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Afei Ɔhene Dawid abɔ akora, na ɛwom sɛ na ne nkoa de bomo kata ne ho deɛ, nanso ne ho anyɛ no hye.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Afei Ɔhene Dawid abɔ akora, na ɛwom sɛ na ne nkoa de bomo kata ne ho deɛ, nanso ne ho anyɛ no hye.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Ɔhene Dawid bɔɔ akwakoraa posoposo no, sɛ wɔde ntama ahe kuru ne ho koraa a, entumi nka no hyew koraa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, na ɔhene Dawid anyini yie, na sɛ wɔde nnasoɔ ahe ara kuru ne ho koraa a, ɛnka ne ho hye koraa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔhene Dawid abɔ akora na wadi nna pii. Na sɛ wɔde ntama kata no ho mpo a, ne ho nyɛ no hyew.

Ver Capítulo Copiar




1 Ahene 1:1
13 Referencias Cruzadas  

Na Abraham ne Sara nyinaa anyininyini a wɔadi mfirinhyia pii, na deɛ ɛyɛ mmaa no to atwa wɔ Sara ho.


Na Abraham abɔ akɔkoraa, na wadi nna pii, na AWURADE ahyira no ade nyinaa mu.


Na Dawid sii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na AWURADE gyee mpata no maa asase no, na wɔsii ɔhaw no kwan firii Israel so.


Dawid bɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduasa, na ɔdii hene mfirinhyia aduanan.


Na Batseba kɔɔ ɔhene nkyɛn pia mu; na ɔhene abɔ akora pa ara, na Sunamni Abisag som ɔhene.


Enti ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛnhwehwɛ ababaa bi mmrɛ me wura ɔhene, na ɔmmɛgyina ɔhene anim nyɛ ne hwɛfoɔ, na ɔnna wo kokom na me wura ɔhene ho nyɛ no hye.


Na Dawid bɔɔ akora pa ara no, ɔde ne ba Salomo sii Israel so hene.


Yɛn mfirinhyiam nna, emu wɔ mfeɛ aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛreduru aduɔwɔtwe, na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔbrɛ ne ahuhudeɛ, na ɛtwaa mu ntɛm so, na yɛtu kɔe.


Bio, sɛ baanu da a, wɔn ho yɛ wɔn hye, na ɔbaakofoɔ deɛ, ne ho bɛyɛ no hye sɛn?


nanso wɔnni ba, ɛfiri sɛ na Elisabet yɛ obonini, na wɔn baanu nyinaa anyinyini pa ara!


Na Yosua abɔ akora na wadi mfeɛ pii; na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ akora na woadi mfeɛ pii, na asase a aka sɛ wɔbɛfa no da so dɔɔso bebree.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios