Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yuda 1:8 - Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Saa ɛkwan korɔ no ara so na adaeɛsofoɔ yi nam. Wogu wɔn ankasa onipadua ho fi. Wɔpo tumidie, na wɔka nsɛmmɔne fa animuonyamfoɔ a wɔwɔ ɔsoro ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Saa ara na yeinom nso yɛ adaeɛsofoɔ a wɔgu honam ho fi, na wɔte tumidie atua, na wɔka animuonyamfoɔ ho nsɛmmɔne.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Saa ɔkwan koro no ara so na adaesofo yi nam. Wugu wɔn ankasa nipadua ho fi. Wɔpo tumidi, na wɔka nsɛmmɔne fa anuonyamfo a wɔwɔ ɔsoro no ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Saa ara na yeinom nso yɛ adaeɛsofoɔ a wɔgu honam ho fi, na wɔte tumidie atua, na wɔka animuonyamfoɔ ho nsɛmmɔne.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Saa ara na eyinom nso yɛ adaesofo a wogu ɔhonam ho fi, na wɔtew tumidi ahi, na wɔka anuonyamfo ho nsɛmmɔne.

Ver Capítulo Copiar




Yuda 1:8
23 Referencias Cruzadas  

Onyankopɔn nim sɛ, ɛda a mobɛdi no ara pɛ, mo ani bɛba mo ho so, ama moayɛ sɛ Onyankopɔn, na moahunu papa ne bɔne.”


“Monnkasa ntia Onyankopɔn na monnome aban mu mpanimfoɔ anaa mo atemmufoɔ anaa wɔn a wɔdi mo so.


“Nnipa bi dome wɔn agyanom, na wɔnnhyira wɔn maamenom nso;


“Ani a ɛyi agya ahi, na ɛbu ɛna animtia no, bɔnhwa ho anene bɛtutu, na apete abɛdi.


Wʼadwene mu mpo, nkasa ntia ɔhene, na wowɔ piam nso a, nnome osikani, ɛfiri sɛ anomaa a ɔnam ewiem de wʼasɛm bɛkɔ, na anomaa a otuo bɛkɔ akɔka.


Wɔkɔɔ Mose ne Aaron hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ. “Mo ahomasoɔ no amee yɛn; monnyɛ kronn nsene obiara. Awurade na wayi obiara a ɔwɔ Israel ha na ɔka yɛn nyinaa ho. Adɛn enti na moma mo ho so sene obiara wɔ ɛberɛ a yɛn nyinaa yɛ Awurade mma?”


Na sɛ ɔsane kɔ onipa no mu a, ɔbɛhunu sɛ ɛhɔ te a ɛfi biara nni mu na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ.


“Sɛ wɔde mo ba mpanin anim wɔ hyia adan mu a, monnnwennwene nsɛm a mobɛka anaasɛ deɛ mode bɛyi mo ho ano no ho,


“Kurom hɔfoɔ no tee nʼahennie no ho asɛm no, wɔtuu nnipa kɔhunuu mpanimfoɔ no sɛ wɔmpɛ no.


Paulo buaa wɔn sɛ, “Anuanom, mennim sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin. Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Nka asɛmmɔne mfa wo ɔman panin ho.’ ”


“Deɛ ɔresisi ne yɔnko no sum Mose bisaa no sɛ, ‘Hwan na ɔyɛɛ wo yɛn so panin ne ɔtemmufoɔ?


“Nanso, yɛn agyanom antie no. Wɔpoo no pɛɛ sɛ wɔsane kɔ Misraim asase so bio.


Enti, obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn asɔredan yɛ kronkron, na mo na moyɛ nʼasɔredan no.


Ɛno enti, obiara a ɔbɛpo nkyerɛkyerɛ no ntia onipa, na mmom, ɔtia Onyankopɔn a ɔma mo Honhom Kronkron no.


afideyɛfoɔ, adwamammɔfoɔ, nnipawiafoɔ, atorofoɔ a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokorɛ nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no.


Montie mo mpanimfoɔ na monni wɔn asɛm so. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ wɔbu wɔn adwuma ho akonta enti, wɔhwɛ mo kra so a wɔnhome koraa. Sɛ motie wɔn a, wɔde anigyeɛ bɛyɛ wɔn adwuma. Sɛ anyɛ saa a wɔde awerɛhoɔ bɛyɛ adwuma no na ɛremmoa mo.


Momfa anidie mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom agyidifoɔ. Monsuro Onyankopɔn, na mommu Ɔhempɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios