Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yuda 1:5 - Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛwom sɛ monim yeinom dada, nanso mepɛ sɛ mekae mo adwene wɔ ɔgye a Awurade gyee Israelfoɔ firii Misraim asase so na akyire yi, ɔsɛee wɔn a na wɔnnye asɛm no nni no ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na mepɛ sɛ mekae mo a moahunu yei prɛko dada sɛ, Awurade gyee ɔman no firii Misraim asase soɔ no, akyire yi no, ɔsɛee wɔn a wɔannye annie no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛwɔ mu sɛ munim eyinom dedaw, nanso mepɛ sɛ mekae mo adwene wɔ gye a Awurade gyee Israelfo fii Misraim asase so na akyiri no, ɔsɛee wɔn a na wonnye asɛm no nni no ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na mepɛ sɛ mekae mo a moahunu yei prɛko dada sɛ, Awurade gyee ɔman no firii Misraim asase soɔ no, akyire yi no, ɔsɛee wɔn a wɔannye annie no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na mepɛ sɛ mekae mo a moahu eyi prɛko dedaw sɛ: Awurade gyee ɔman no fii Misraim asase so no, akyiri no, ɔsɛee wɔn a wonnye nni no.

Ver Capítulo Copiar




Yuda 1:5
14 Referencias Cruzadas  

Enti ɔmaa ne nsa so kaa ntam kyerɛɛ wɔn sɛ ɔbɛma wɔn atotɔ wɔ ɛserɛ no so,


Ɛda no ara na Awurade yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so.


Mede akokoɔduru atwerɛ abobɔ nneɛma bi so, sɛdeɛ meretwe mo adwene akɔ so bio, ɛsiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no enti.


Nanso, deɛ ɔyɛ maa mo no nyinaa akyi no, moannye Awurade anni.


Ɛhefoɔ na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim firi Misraim no nyinaa.


Adɔfonom, yei ne krataa a ɛtɔ so mmienu a matwerɛ abrɛ mo. Metwerɛɛ sɛ mede rebɛkae mo, de akanyane mo adwene.


Mo deɛ, Kristo ahwie Honhom Kronkron no agu mo so, enti mo nyinaa nim nokorɛ no.


Ɛnyɛ sɛ monnim nokorɛ no enti na matwerɛ saa krataa yi, na mmom, monim na monim nso sɛ, atorɔ biara mfiri nokorɛ mu mma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios