Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yuda 1:4 - Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Onyankopɔn adom no ka sɛ adom no enti abrabɔ bɔne nsɛe hwee. Wɔnnye Yesu Kristo a ɔno nko ara ne yɛn Wura ne yɛn Awurade no nto mu. Atwerɛsɛm no aka wɔn afɔbuo a aba wɔn so no ho asɛm dada.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na nnipa bi awiawia wɔn ho aba mu a wɔfiri tete atwerɛ wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɛfoɔ a wɔdane yɛn Nyankopɔn adom ahohwie, na wɔpo Owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Nyankopɔn adom no ho ka se adom no nti ɔbra bɔne nsɛe hwee. Wonnye Yesu Kristo a ɔno nko ara ne yɛn Wura ne yɛn Awurade no nto mu. Kyerɛwsɛm no aka wɔn afɔbu a aba wɔn so no ho asɛm dedaw.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na nnipa bi awiawia wɔn ho aba mu a wɔfiri tete atwerɛ wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɛfoɔ a wɔdane yɛn Nyankopɔn adom ahohwie, na wɔpo Owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na nnipa bi awiawia wɔn ho abam a wofi tete akyerɛw wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmu yi, amumɔyɛfo a wɔdan yɛn Nyankopɔn adom ahohwi, na wɔpo owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.

Ver Capítulo Copiar




Yuda 1:4
32 Referencias Cruzadas  

Owuo asorɔkye twaa me ho hyiaeɛ; ɔsɛeɛ yiri faa me so.


Nhyira ne onipa a ɔntie amumuyɛfoɔ afotuo na ɔnni nnebɔneyɛfoɔ nhwɛsoɔ akyi na ɔntena fɛdifoɔ tenabea.


Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ; ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim da.


Ɛda koro anadwo a wada no, ne ɔtamfoɔ nso bɛduaa wira fraa aburoo a wadua no.


Na ɛkwan a wɔnam so bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ ne sɛ, wɔbɛhunu Onyankopɔn korɔ nokwafoɔ no, ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no!


Ɔduruu hɔ a ɔhunuu sɛdeɛ Onyankopɔn ahyira wɔn no, nʼani gyeeɛ maa ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wɔmfiri wɔn akoma nyinaa mu nnye Awurade nni na wɔnni no nokorɛ nso.


Yɛtee sɛ anuanom bi a yɛmmaa wɔn tumi firi yɛn mu nam wɔn nkyerɛkyerɛ so tanee mo ani, haa mo adwene.


Asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ anuanom bi a wɔnyɛ nokwafoɔ awia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔrehwehwɛ ahofadie a yɛwɔ wɔ Kristo Yesu mu, na wɔde yɛn ayɛ nkoa.


Me nuanom, mo deɛ, wɔfrɛɛ mo sɛ mommɛde mo ho. Nanso, mommma saa ahofadie yi mmɔ ɛkwan mma bɔne; mmom, momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho.


Yɛrenyɛ mmɔfra bio, wɔn a asorɔkye bɔ wɔn kɔ deɛ ɛpɛ, na nkyerɛkyerɛ mframa biara de wɔn di akɔneaba na nnipa bradɛtofoɔ ne anifirefoɔ daadaa wɔn.


Na sɛ obi nhwɛ ne fiefoɔ, ne titire no, ɔno ara nʼabusuafoɔ a, na wabu ne gyidie so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nni no.


Sɛ yɛampa aba a, yɛne no bɛdi ɔhene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.


Wɔn mu bi kɔ afie mu kɔhyɛ mmaa a wɔn bɔne ama wɔdi fɔ na akɔnnɔ ahodoɔ bebree hyɛ wɔn so no so;


Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Monnsusu sɛ mo de mo ho enti mobɛtumi ayɛ bɔne biara. Mmom, montena ase sɛ Onyankopɔn asomfoɔ.


Wɔka bio wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Saa ɛboɔ yi na ɛbɛma nnipa asunti; ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.” Wɔsuntiiɛ ɛfiri sɛ na wɔnnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛeɛ.


Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛyɛ den sɛ wɔbɛgye onipa pa nkwa; na wɔn a wɔnnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfoɔ no deɛ, ɛdeɛn na ɛbɛba wɔn so?”


ne titire no, wɔn a wɔdi wɔn honam akɔnnɔ akyi na wɔpa Onyankopɔn tumi no. Saa atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ yi wɔ akokoɔduru na wɔmmu animuonyamfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no, ɛfiri sɛ, wɔte wɔn atua.


Ɔgyee Lot a ɔyɛ ɔteneneeni no firii nnipa nnebɔneyɛfoɔ nsam.


Nanso, Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔsoro ne asase ntena hɔ nkɔsi Atemmuo da. Afei wɔbɛsɔ emu ogya na wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ.


Afei, hwan ne ɔtorofoɔ? Ɛyɛ obi a ɔka sɛ Yesu nyɛ Kristo no. Yei ne Kristo ɔtamfoɔ. Ɔpo Agya no ne Ɔba no nyinaa.


na wɔabɛbu mo nyinaa atɛn na wɔabu nnebɔneyɛfoɔ nyinaa atɛn wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ ne nsɛm a wɔaka atia Onyankopɔn no ho.”


Wɔkaa sɛ, “Sɛ awieeɛ no duru a, nnipa a wɔdi mo ho fɛ bɛba, wɔn a wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi.”


Hwan na ɔnsuro wo, Awurade? Hwan na ɔrenka wo kɛseyɛ? Wo nko na woyɛ kronkron. Aman nyinaa bɛba abɛsom wɔ wʼanim, ɛfiri sɛ, obiara ahunu wo tenenee nnwuma no.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios